Du Wo Suani Komam
1 Ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo sɛ ‘wonni nea wahyɛ wɔn’ no nyinaa so. (Mat. 28:19, 20) Sɛ obi betumi ‘adi’ nea Kristo hyɛe no so a, ɛsɛ sɛ asɛm no du ne komam. (Dw. 119:112) Wobɛyɛ dɛn atumi ama asɛm no adu wo Bible suani no komam?
2 Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Akwankyerɛ: Asuafoyɛ adwuma no yɛ Nyankopɔn de. Ne nhyira na ebetumi ama yɛadi nkonim na ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden. (Aso. 16:14; 1 Kor. 3:7) Enti, ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa bere a yɛrekyerɛkyerɛ afoforo no.—Yes. 50:4.
3 Hu Nea Osuani no Gye Di: Hu a yebehu nkurɔfo gyidi ne nea enti a wokura saa gyidi no ma yetumi ka asɛm a ebedu wɔn komam. Dɛn nti na osuani bi ani gye nkyerɛkyerɛ pɔtee bi ho saa? Dɛn nti na ogye nkyerɛkyerɛ a ɛte saa di? Nneɛma a ɛtete saa a yebehu no bɛma yɛatumi de nhumu akasa.—Aso. 17:22, 23.
4 Gyina Kyerɛwnsɛm no So Ka Asɛm a Ɛtɔ Asom: Ɛsɛ sɛ osuani no tumi hu aba a ɛwɔ nokwasɛm no mu. (Aso. 17:24-31) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn anidaso no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma. (1 Pet. 3:15) Nanso, ɛsɛ sɛ woyɛ saa wɔ ayamye ne odwo mu bere nyinaa.
5 Fa Mfatoho Di Dwuma Kɛse: Ɛnyɛ ntease nko na mfatoho betumi ama osuani no anya, na mmom ebetumi akanyan ne nsusuwii nso. Mfatoho tumi kanyan adwene ne koma no nyinaa. Yesu de mfatoho dii dwuma mpɛn pii. (Marko 4:33, 34) Nokwarem no, sɛ mfatoho so betumi aba mfaso a, ɛsɛ sɛ ɛfa asɛm a woka no ho, na ɛsɛ sɛ ɛfa osuani no nso abrabɔ ho.
6 Kyerɛ Mfaso a Ɛwɔ Nokware no a Obegye Atom no So: Nkurɔfo wɔ ɔpɛ sɛ wobehu mfaso a ɛwɔ nea wɔresua no so. Boa wo suani no ma onhu mfaso a ɛwɔ Paulo asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:14-17 no so.
7 Sɛ ebinom antie asɛm a woka no a, mma w’abam mmmu. Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebegye asɛm no. (Mat. 13:15) Nanso, ebinom tumi bɛyɛ gyidifo. (Aso. 17:32-34) Ɛmmra sɛ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma asɛmpa no adu nkurɔfo komam no bɛboa nnipa pii ma wɔagye Yesu ahyɛde no atom na ‘wɔadi’ so.