Siesie Wo Ho Sua Yesaia Nkɔmhyɛ No!
1 “Nokware asomfo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa . . . remma Satan wiase no ntra hɔ da koro mpo mmoro nea atɛntrenee hwehwɛ.” Nkuranhyɛsɛm bɛn ara ni! Ɛhe na wɔfaa saa asɛm yi fii? Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I no mu. So Yesaia nkɔmhyɛ no ma yenya ntease a yebegyina so aka nkuranhyɛsɛm a ɛte saa? Yiw! Wɔ saa Bible mu nhoma yi mu no, wosi nkwagye so dua fefeefe. (Yes. 25:9) Ɛno nti na ɛbɛyɛ nkuranhyɛ kɛse sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no fã yi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no. So yɛbɛkɔ akonya mu kyɛfa dapɛn biara? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
2 Wɔ Yesaia 30:20 no, wɔfrɛ Yehowa yɛn ‘Kyerɛkyerɛfo Kunini.’ Ɛsɛ sɛ Kristoni biara wɛn n’aso tie nea Yehowa nam N’asɛm ne Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma so no. (Mat. 24:45; Yes. 48:17, 18) Nokwarem no, nsɛm a ɛte saa wɔ Yesaia Nkɔmhyɛ I nhoma no mu. Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya ne sua so mfaso kɛse?
3 Siesie Wo Ho Sɛ Wubenya mu Kyɛfa: Fa bere a ɛfata si hɔ dapɛn biara fa siesie wo ho ma nhoma mu adesua no. Kenkan asɛm a mubesua no nkyekyem biara. Susuw nkyekyem biara asɛmmisa ho. Sensan mmuae no ase wɔ wo nhoma no mu. Wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse akyerɛw Yesaia nhoma no nkyekyem ahorow a wɔafa mu asɛm aka no. Kenkan no yiye. Kenkan kyerɛw nsɛm ahorow a wɔnkyerɛw emu nsɛm wɔ nhoma no mu no na hu sɛnea ɛfa asɛm no ho. Dwennwen nea woresua no ho. Afei fi nea wusuae no mu ma mmuae wɔ nhoma mu adesua no ase.
4 Ɛsɛ sɛ onua a ɔhwɛ nhoma adesua no so no boa wɔn a wɔwɔ ase nyinaa ma wɔde Bible no di dwuma ɔkwan pa so na wohu mfaso ankasa a ɛwɔ asɛm a wɔresusuw ho no so. Sɛ odi kan frɛ wo sɛ ma mmuae a, ma mmuae no nyɛ tiawa na ma ɛmfa asɛm no ho tẽẽ. Sɛ obi ama saa mmuae no dedaw a, wubetumi aka biribi foforo de atrɛw asɛm a moresusuw ho no mu. Ebia wubetumi akyerɛ sɛnea kyerɛwsɛm titiriw bi foa asɛm no so. Bɔ mmɔden fa w’ankasa nsɛm ma mmuae, na fa anigye nya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa.
5 Momma yɛmfa ahopere mmom nsusuw asɛm a ɛsom bo a ɛwɔ Yesaia nhoma mu no ho. Ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛde anigye ahwɛ Yehowa nkwagye kwan da biara!—Yes. 30:18.