Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No
W’ani begye sɛ wubehu sɛ efi October 6, 1997 dapɛn no mu no, yebesua Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Obiara rempɛ sɛ kuw adesua a ɛfa abusua asetra a anigye wom ho akwankyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so a mfaso wɔ so yi bɛpa ne ti so. Adesua no ho nhyehyɛe no bɛma wɔatumi ahwehwɛ nkyekyem ne Bible mu asɛm biara a ɛwɔ nhoma no mu fefeefe.
Yebesua ti a edi kan no nyinaa wɔ dapɛn a edi kan no adesua no mu, esiane sɛ kyerɛw nsɛm a wɔmfaa emu nsɛm nkae kakraa bi pɛ na ɛwom nti. Asɛm koro no ara nti, yebesua ti 15 no wɔ adesua biako mu. Nanso, wɔbɛkyɛ atiri a aka no nyinaa mu abien abien, na yɛasua bɛyɛ ti bi fã dapɛn biara. Enti, yebenya bere pii akenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ nkyekyem biara mu no nyinaa asusuw ho, na yɛahwehwɛ sɛnea yɛde kyerɛw nsɛm a wɔafa mu nsɛm aka no bedi dwuma no mu yiye.
Adesua no fã bi a ɛho hia bɛyɛ adesua asɛm no a yebesusuw ho wɔ nkyerɛkyerɛ adaka a ɛwɔ ti biara awiei no mu no. Enti, ɛsɛ sɛ wogyaw bere pii ma nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ adaka no mu a yebesusuw ho no.
Yɛhyɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo nkuran sɛ wonnya bere mma ahosiesie a wɔbɛyɛ ama adesua no titiriw, na wɔnhyɛ obiara a ɔwɔ wɔn kuw mu, a wɔn a wɔyɛ foforo ka ho, nkuran mma wonsiesie wɔn ho yiye, wɔmmra daa, na wonnya mu kyɛfa.—om-TW 74-6.