Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/83 kr. 3
  • Nsiesiei Pa A Ɛkyɛn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsiesiei Pa A Ɛkyɛn So
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Som Nyankopɔn Nhoma no a Yebesua
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 12/83 kr. 3

Nsiesiei Pa A Ɛkyɛn So

1 Ɛnyɛ yɛn nhoma foforo Live Forever no ho asɛm nko na asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no ka ma ɛfata na mmom nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ ne bere mu ma yɛafi ase asusuw emu nsɛm no ho wɔ Asafo Nhoma Adesua ase February, 1984 mu no nso. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa akenkan nhoma no awie. Yɛde mpem ɔhaha pii memae wɔ asɛnka mu afe a etwaam no. Yɛde reyɛ ofie Bible adesua ahorow pii a etu mpɔn. Hwɛ fata ara a ɛfata afei sɛ yebesua nhoma yi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Wɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ bi dapɛn biara na onnya aduan a ɛyɛ dɛ a ɛyɛ honhom mu nneɛma pa no mu kyɛfa anigye so.​—Mat. 5:3, 6.

2 Wɔde adesua no fã bi a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ ma dapɛn biara. Eyi bɛma obiara anya hokwan akasa a mmofra nso ka ho. Ɛsɛ sɛ munya bere kenkan kyerɛw nsɛm atitiriw no bi na mususuw ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa siesie yɛn ho yiye, titiriw nhoma adesua sohwɛfo no, a ɛnyɛ nsemmisa no ho mmuae ara kwa na yɛbɛhwehwɛ, na mmom ‘nea enti a ɛte saa’ nso. (Ɔsɛnk. 7:25, NW) Sɛ yɛyɛ saa a, dapɛn biara yɛn kuw adesua no bɛma yɛn nimdeɛ, nhumu ne gyidi anya nkɔso.​—Mmeb. 14:6; 2 Pet. 1:5)

3 Nea ɛka yɛn gyidi a ɛbɛma ayɛ den ho no, yɛn dapɛn dapɛn adesua no bɛma yɛanya nsɛm a yɛbɛka wɔ asɛnka mu. Ebia woanya mfatoho ahorow a etu mpɔn anaa osuahu a ɛyɛ anigye dedaw. Ɛtɔ bere bi a, ebia wubenya hokwan aka nsɛm ahorow a eye ma asɛnka ho asɛm tiaa na ɛbɛboa ma adesua no ayɛ anigye na anya nkɔso. Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua no boa yɛn ma yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw kɛse.​—Fa toto Mmebusɛm 27:17 ho.

4 Nhoma adesua no yɛ nsiesiei a ɛkyɛn so a ɛbɛma nnipa a yɛne wɔn sua Bible no ahu Yehowa ahyehyɛde no nso. Monto nsa mfrɛ wɔn ma wɔmmra daa na yɛne wɔn mmenya nkuranhyɛ ahorow, bere a wonya nkɔso wɔ nimdeɛ mu nso no. (Rom. 1:11, 12; Heb. 10:24, 25) Ba a wɔbɛba dapɛn biara no bɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho abɔ asafo no kɛse na wɔanya gyidi wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu.

5 Susuw nsɛm a ɛkanyan adwene a wɔaka ho asɛm no bi ho. Ti 1 kyerɛ nsonsonoe a ɛda asetra wɔ nhyehyɛe dedaw a ɛrekɔ n’awiei yi mu ne anigye a ɛyɛ sɛ wobɛtra Paradise no ntam. Nokware a ɛyɛ no ma yenya anigye! Ti 4 ka Yehowa kɛseyɛ, wɔ a nyansa wom sɛ yebegye adi sɛ ɔwɔ hɔ ne ne su a ɛyɛ nwonwa ho asɛm pii. Ti ahorow a edi akyiri ka eyi ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne Yehowa betumi anya abusuabɔ ankasa a ɛho bɛba yɛn mfaso nnɛ ne daakye. Nsiesiei pa a ɛkyɛn so yi bɛma yɛagye nokware ahorow a ɛwɔ You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma no mu no adi kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena