United In Worship No A Yebesua Wɔ Asafo Adesua Ase
1 Yɛn Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ yebesua United in Worship of the Only True God nhoma no efi October 13, 1985 dapɛn no so. Bɛyɛ mfe abiɛsa ni a yɛn nsa kaa nhoma yi, nanso eyi na ɛbɛyɛ bere a edi kan a yɛresua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase wɔ Ghana. Akyinnye biara nni ho sɛ pii akenkan awie dedaw anaasɛ wɔde aboa afoforofo ma wɔabenya ɔsom mu biakoyɛ ho anisɔ kɛse. Bɔ a yɛbɛbom asua sɛ́ kuw no bɛma yɛanya nsɛm foforo a ɛhyɛ nkuran na eye.
2 Sɛnea ɛte wɔ yɛn nhoma ahorow ho no, United in Worship nhoma no wɔ nsemmisa ma nkyekyem biara. Nanso, wɔ nhoma yi mu no, nsemmisa afoforo wɔ hɔ a wɔakyerɛw no nketewa kakra wɔ nkyekyem no bi awiei a wɔnam kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwɔ hɔ so bebua. Yɛhyɛ nyansa sɛ nea ɔbɛkenkan nkyekyem ahorow no ama kuw no nkenkan nsemmisa yi nso. Sɛ ɔkenkan no sɛnea ɛsɛ a, wɔn a wɔwɔ hɔ no benya hokwan asusuw ɔkwan a wɔbɛfa so abua no ho. Afei, nea ɛne akwankyerɛ a ɛwɔ kratafa no ase hyia no, adesua sohwɛfo no bebisa saa nsɛm no mmiako mmiako na wama kuw no ama ho mmuae. Bere a ebia ebinom a wɔn adwene kyere ade ntɛm anaasɛ wɔde mfe pii anya nokware no mu osuahu no bɛpɛ sɛ wɔma mmuae pii no, sɛ adesua sohwɛfo no fi ɔdɔ mu de nkuranhyɛ ma afoforo nso ma wonya mu kyɛfa a, ɛbɛyɛ nea eye.
3 Yenni United in Worship nhoma no wɔn yɛn man yi mu kasa ahorow no mu. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ asɛm a ɛyɛ den. Divine Name nhomawa no ne Survival nhoma no a yesuae ama yɛahu sɛnea yɛde nhoma ahorow a ɛwɔ borɔfo kasa mu no bedi dwuma wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Yɛhyɛ nyansa sɛ mpanyimfo no nkɔ so nni nhyehyɛe koro yi ara akyi na ama obiara anya mu mfaso, sɛ́ ɛyɛ nea wɔte borɔfo, anaasɛ wɔnte borɔfo.
AHOSIESIE PA HO HIA
4 Te sɛ nhoma nketewa no pii no, yebetumi awie United in Worship nhoma no wɔ asram asia ntam. Nanso Sodikuw no ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛawie nhoma yi wɔ adapɛn 42 mu. Ɛno yɛ bɛyɛ asram du. Eyi kyerɛ sɛ dapɛn biara adesua no bɛyɛ tiaa kakra. Ɛsɛ sɛ eyi ma yenya kwan susuw nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nhoma yi mu no ho wɔ ɔkwan a emu dɔ so. Sɛ nhwɛso no, hwɛ kratafa 152 mprempren ara. Yɛn nhyehyɛe no hwehwɛ sɛ yɛde adapɛn abien besusuw nsɛm a ɛwɔ kratafa biako yi so no nkutoo ho. Na so wunnye ntom sɛ wɔasiesie adapɛn abien “aduan a ɛyɛ den” ama yɛn wɔ kratafa yi so?—Heb. 5:14.
5 Ntĩmu nsemmisa wɔ ti biara awiei. Ɛsɛ sɛ eyi boa adesua so ahwɛfo. Monhwɛ sɛ mmuae a wɔde ma no nyɛ aniani de. Monhyɛ wɔn a wɔba no nkuran ma wɔmfa wɔn ankasa nsɛm nka nsɛntitiriw no ho asɛm wɔ adesua no mu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nso sɛ wobesusuw kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem no mu, sɛ́ ɛyɛ nea emu asɛm no wɔ hɔ anaasɛ enni hɔ, no ho na wɔde adi dwuma. Sɛnea wɔada no adi wɔ nhoma no ti a edi kan mu no, sua a wobesua sɛ wobegyina Kyerɛwnsɛm so asusuw nsemmisa ho yiye no betumi aboa ma obi anya adwene ne nhumu a efi Onyankopɔn hɔ. Eyinom yɛ nea ɛho hia sɛ yɛbɔ ho mmɔden sɛ́ Kristofo.—Mmeb. 5:1, 2; Fil. 1:9-11.
6 Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ munni kan nsiesie mo ho mma nhoma adesua no. Eyi bɛma obiara atumi de ne ho ahyem na wanya mfaso kɛse wɔ adesua no mu. Momma yɛn adesua a egyina nhoma yi so a esi nsɛntitiriw a efi Bible no ankasa mu so dua no nka yɛn mmom kɛse wɔ ɔsom mu biakoyɛ mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, momma ɛmma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa sɛ́ nokware Nyankopɔn koro, Amansan Hene, ne Agya a ɔwɔ ɔdɔ ma ne mma nyinaa no nyɛ kɛse.