Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/86 kr. 3
  • Asafo Nhoma Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo Nhoma Adesua
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADESUA SOHWƐFO NO ADWUMA
  • WƆN A WƆBA ADESUA NO
  • Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Afoforo A Yɛbɛboa Wɔn Denam Asafo Nhoma Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 7/86 kr. 3

Asafo Nhoma Adesua

1 Asafo Nhoma Adesua di dwuma titiriw wɔ nkɔso a yenya wɔ honhom fam no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kyerɛ obu kɛse ma. Sɛ ebinom nkɔ nhyiam yi daa a, so ebetumi akyerɛ sɛ wobu no sɛ ɛho nhia te sɛ nhyiam afoforo a aka no? Yɛn nyinaa betumi anya Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no a yebesusuw ho bio no mu mfaso.

ADESUA SOHWƐFO NO ADWUMA

2 Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no yɛ osuani a n’ani ku Onyankopɔn Asɛm no ho kɛse. Mpɛn pii ɔyɛ oguanhwɛfo anaasɛ mpanyimfo no mu biako. Sɛ obetumi ama adesua no atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ osiesie ne ho yiye na ɔhwehwɛ sɛnea ebetumi aboa wɔn a wɔba no ma wɔanya nkɔso wɔ honhom mu. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ aso tie nkyerɛkyerɛmu ahorow no yiye na ɔkyerɛ ankorankoro a wɔwɔ ne kuw no mu no nkɔso ho anigye. Wɔ bere koro no ara mu no, ɛho hia sɛ ɔyɛ ɔyamyefo a osusuw afoforo ho na ɔhyɛ wɔn nyinaa nkuran na ama wɔanya ade ua no mu kyɛfa a ɔnhyɛ obiara aniwu.

3 Ɔkyerɛkyerɛfo pa bɛhwɛ sɛ wɔasi nsɛntitiriw so dua. Adesua sohwɛfo no bɛma n’ani ada hɔ wɔ mmuae a ɛnteɛ no ho na ɔnam anifere kwan so ahwɛ sɛ wɔde mmuae a ɛteɛ no ama. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye bere a ɔrepaw obi ma wakenkan nkyekyem no dapɛn biara ne bere a ɔrefrɛ obi ma wakenkan kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no.​—Tito 1:9, Fil. 1:9.

4 Efi August 3 no yebefi ase asua Nokware Asomdwoe nhoma a wɔayɛ no foforo no. Wɔakyerɛ ti anan a edi kan no ase akɔ Ewe ne Twi mu ama asafo ahorow a yɛde saa kasa abien no yɛ adesua no. Ɛkame ayɛ sɛ nhoma foforo no mu nsɛm a ɛwɔ ti anum rekɔ mu no te sɛ dedaw no mu de no ara pɛ. Nanso wɔayɛ nsakrae ahorow kakraa bi wom. Ɛsɛ sɛ adesua so ɔhwɛfo di kan hyɛ nsakrae yi nsow titiriw na ama wɔde aba adesua no mu ma wɔn nyinaa anya mu mfaso.

WƆN A WƆBA ADESUA NO

5 Di a wɔn a wɔba adesua no nyinaa bedi kan asiesie wɔn ho ho hia. Ebia morennya bere pii mfa nkenkan nhoma no mu kyerɛw nsɛm no nyinaa wɔ adesua no mu. Nanso sɛ wudi kan hwɛ eyinom a, wubetumi aka ho asɛm.

6 Ɛsɛ sɛ tebea a etumi boa ma musua ade wɔ Asafo Nhoma Adesua kɔ so. Enti, ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma na wɔansɛe adesua no. Afei nso, amanneɛbɔ a yɛn nsa aka kyerɛ sɛ wɔyɛ Nhoma Adesua no bi wɔ mmrannaa so wɔ afie ahorow mu. Bere a adesua no rekɔ so no, ofi no mufo afoforo a wɔnyɛ Adansefo kɔ so yɛ wɔn nnwuma ahorow na ɛma ɛhɔ yɛ gyegyeegye kɛse na ɛtwe adwene fi adesua no so. Eye sɛ mobɛyɛ Asafo Nhoma Adesua no wɔ ɔdan mu, sɛ ebetumi a, wɔ onua bi asa so anaasɛ baabi a ɛmmɛn dede a ɛte saa a ofi no mufo afoforo ne ahɔho a wɔnyɛ Adansefo yɛ no.

7 Sɛ anuanom de wɔn afie ma sɛ wɔnyɛ adesua no wɔ hɔ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma baabi a wɔyɛ nhyiam no atew a nkanea a ɛma wohu ade yiye ne mframa pa wɔ hɔ a, yɛn ani sɔ. Ɛdenam ahɔhoyɛ su ankasa a woyi adi so no, wɔma afoforo ani gye sɛ wɔbɛba hɔ. (Mmeb. 3:9) Ɛwom, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ adesua wɔ hɔ no yi obu adi na wɔda anisɔ adi denam nneɛma a wɔbɛhwɛ no yiye anaasɛ yɛ a wɔrenyɛ nea wɔpɛ no so. Sɛnea ɛte wɔ asafo nhyiam afoforo ho no, ɛsɛ sɛ yɛn ntade, ahosiesie ne su da nidi a ɛbata Yehowa som ho no adi.​—Hwɛ kratafa 63 wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu.

8 Asafo Nhoma Adesua no de ntetee pa nso ma yɛn wɔ asɛnka adwuma no ho. Yebetumi ama yɛn ani ada hɔ wɔ nsɛntitiriw a yebetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu a wɔda no adi wɔ adesua no mu no ho. Mmuae a yɛbɛma no betumi aboa yɛn ma yɛadi ehu so na yɛabɛyɛ nnipa a wonim Kyerɛwnsɛm no yiye. Adwempa a yebenya wɔ Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no ho bɛma anisɔ a yɛwɔ ma ɔkwan a Yehowa nam so hwɛ ne nguan no ayɛ kɛse ampa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena