Afoforo A Yɛbɛboa Wɔn Denam Asafo Nhoma Adesua So
1 Tete Kristofo no hyiaam wɔ afi mu som Yehowa. (Rom. 16:3, 5; Filem. 1, 2) Wɔ nsase pii so nnɛ, titiriw faako a yɛn nuanom yɛ adwuma wɔ tebea a emu yɛ den ase no, wɔyɛ nhyiam horow wɔ anuanom afi mu. Ɛnnɛ nso, wɔyɛ Asafo Nhoma Adesua horow no pii wɔ anuanom afi mu na nhyehyɛe yi kɔ so ara nya Yehowa nhyira.
2 Ɛdenam Asafo Nhoma Adesua no so no, mpanyimfo betumi de wɔn adwene asi ankorankoro biara honhom mu nkɔso so—ade a ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobetumi ayɛ wɔ nhyiam akɛse ase. Adesua sohwɛfo no bɔ mmɔden titiriw sɛ obehu wɔn a wɔwɔ ne kuw no mu nyinaa yiye, ayɛn wɔn na wadi wɔn honhom mu ahiade horow ho dwuma. (Mmeb. 27:23) Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu na ɛtɔ bere bi a ɔkɔsra wɔn wɔ wɔn afi mu.
3 Wɔtaa yɛ adesua no wɔ faako a ɛbɛn wɔn a wɔba no. Esiane eyi nti ɛtaa bɛyɛ beae a wohyiam kɔ asɛnka. Eyi ma wunya hokwan ne nnipa ahorow a wɔwɔ kuw no mu yɛ adwuma na wunya mfaso fi akwan horow a wɔfa so yɛ adwuma a wohwɛ no mu. Bere a moawie nhoma adesua no ne bere pa a mode bɛyɛ nhyehyɛe ayɛ adwuma abom.
KYERƐ ANIGYE ANKASA
4 So wuhu sɛ nkitahodi bi a ɛte sɛ abusua wɔ mo nhoma adesua no ase? Sɛ obiara kyerɛ anigye ankasa wɔ afoforo a wɔwɔ kuw no mu ho a, ɛboa ma mote biakoyɛ nka. (Gal. 6:10) Sɛ nhwɛso no, sɛ ebinom amma adesua a, so wuhu na afei woma wohu sɛ ɛyɛɛ wo yaw sɛ woanhu wɔn? Sɛ abusua bi muni ammedidi a, ɛnyɛ ade a afoforo a wɔaka wɔ fie hɔ renhu. Ɛbɛhaw wɔn nyinaa. Honhom a ɛte sɛɛ a ɛwɔ nhoma adesua kuw no mu no ka anuanom bom na ɛhyɛ wɔn nkuran na ɛmma wɔnhwere “aduan” no. Sɛ wunya obiara a ɔwɔ kuw no mu ho anigye ankasa a, wobɛboa ma “abusua” honhom yi mu ayɛ den.
5 So wubetumi asusuw akwan afoforo a wubetumi afa so akyerɛ afoforo ho anigye ankasa ho? Ade biako a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛhyɛ da abɔ mmɔden ne afoforo abɔ nkɔmmɔ wɔ adesua no ase, a ɛnyɛ sɛ wubekyia wɔn ara kwa. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ebinom fɛre, nanso wɔpɛ obi ne no akasa enti sɛ wokɔ wɔn nkyɛn a wɔn ani begye. Nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ. Ebia mo nhoma adesua sohwɛfo no wɔ nyansahyɛ ahorow pɔtee bi. Dɛn nti na wummisa no?
6 Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa, bere a ɛte sɛnea mo nhoma adesua kuw no muni bi te abasamtu nka anaasɛ biribi haw no no? Ampa, afotu a ese “monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ” no bɛyɛ nea ɛfata. (1 Tes. 5:14) Sɛ obi yare a, hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ bere a ne nnamfo bɛsra no na wɔboa no no! Mpɛn pii hu a obehu sɛ obi foforo dwene ne ho no ara ne nea ehia. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua sohwɛfo, te sɛ ɔwofo no, ma n’ani da hɔ titiriw na ohu abasamtu ho nsɛnkyerɛnne ahorow na ɔde mmoa a ehia ma.
ƆKWAN BƐN SO NA WUBETUMI ABOA?
7 Akwan afoforo wɔ hɔ a wubetumi afa so aboa nhoma adesua nhyehyɛe no. Nhwɛso pa a wobɛyɛ yɛ ɔkwan biako. Sɛ nhwɛso no, sɛ wusiesie wo ho te sɛ nea worekɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a, woda obu adi. Woyɛ nhwɛso pa ma wɔn a ebia wosiesie wɔn ho bi-ne-bi no. So wode ayɛ wo su sɛ wobɛba bere ano sɛnea ɛbɛyɛ a worenhaw adesua no?
8 Ɛyɛ nokware sɛ adesua no yɛ anigye kɛse bere a obiara siesie ne ho yiye na ebia otwitwa mmuae no ase na afei ɔde n’ankasa nsɛm ma mmuae no. Kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma mu a wubedi kan ahwɛ na afei woaka ho asɛm betumi de pii aka adesua no ho. Ebinom nso gye bere hwehwɛ nsɛm a ɛboa nsɛmpɔw atitiriw na wɔne kuw no nya eyi mu mfaso. Ani sɔ eyi. Eyinom nyinaa boa ma Asafo Nhoma Adesua no yɛ nea ɛhyɛ nkuran na ɛho wɔ mfaso wɔ honhom mu ma wɔn a wɔba no nyinaa.
9 Wɔn a wɔba nhoma adesua bere nyinaa no gye tom sɛ Yehowa nhyira wɔ so. Ɛyɛ beae a obi betumi anya mmoa ankasa na waboa ma afoforo ayɛ den honhom mu. Sɛ wonkɔ adesua yi bere nyinaa a, dɛn nti na wonyɛ nsakrae a ɛho hia wɔ wo bere nhyehyɛe mu na ama woatumi anya adesua a eye kyɛn so a Yehowa ne n’ahyehyɛde no asiesie ama wo no mu kyɛfa.