Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/91 kr. 8
  • Ɔfã 4—Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 4—Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo A Yɛbɛboa Wɔn Denam Asafo Nhoma Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 11/91 kr. 8

Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe

Ɔfã 4​—Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Mo Ho Den

1 Asafo Nhoma Adesua kuw no muni biara betumi ayɛ biribi titiriw wɔ honhom mu nkɔso a kuw no mufo afoforo benya no mu. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yedi Kyerɛwnsɛm no mu ahyɛde a ese ‘momma yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, dodow a yehu sɛ ɛda no rebɛn no’ so.​—Heb. 10:24, 25.

2 Yɛn Ho Yɛn Ho a Yɛbɛboa: Yɛn nyinaa betumi aboa ma anigye ne adamfofa su aba nhoma adesua no ase. Sɛ yɛn mu biara kyerɛ kuw no mufo afoforo ho anigye a, ɛboa ma kuw no mufo ne wɔn ho bɔ. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Galatifo 6:10 sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo” no. Sɛ nhwɛso no, sɛ nhoma adesua kuw no mufo binom yare na wɔamma nhyiam a, so wuhu? Ebia wubetumi ne wɔn akasa wɔ telefon so anaasɛ w’ankasa kɔ hɔ kɔsra wɔn. Su a ɛte saa a ɛwɔ nhoma adesua kuw bi mu no twe anuanom no bɛn wɔn ho wɔn ho kɛse.

3 Esiane da biara ahokyere, abusua mu asɛyɛde ahorow, anaasɛ ɔhaw afoforo nti, so ebinom hia nkuranhyɛ? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa? Bɔ mmɔden kɛse sɛ wo ne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ nhyiam ase, na ɛnyɛ sɛ wubekyia wɔn kɛkɛ. Ebia ebinom fɛre ade, nanso wɔhwehwɛ obi ne no abɔ nkɔmmɔ, na sɛ wobɛn wɔn a, wɔne wo bɛbɔ nkɔmmɔ. (uwtw nkr. 137-8) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ “monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, [munnya abodwokyɛre] mma nnipa nyinaa.” (1 Tess. 5:14) Sɛ obi yare anaasɛ n’aba mu abu a, hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ ne nnamfo bɛkɔ ne kyɛn akɔsra no anaasɛ wɔakɔboa no! Mpɛn pii no nim a wonim sɛ obi foforo dwen wɔn ho no ne nea ehia.

4 Yɛpɛ sɛ yɛboa asɛnka adwuma ho nhyehyɛe no nso. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne kuw no mufo afoforo bɛyɛ adwuma. (2 Kor. 6:11-13; 12:15) ɛtɔ mmere bi a, ebia nhoma adesua sohwɛfo no bɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmoa obi. Dɛn na yɛyɛ wɔ ho? Sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo ne wɔn ho wɔn ho yɛ adwuma wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no afa horow mu a, ɛhyɛ nhoma adesua no mufo den yiye.

5 Nhwɛso a Wo Ankasa Bɛyɛ: Akwan afoforo wɔ hɔ a wubetumi afa so atumi aboa nhoma adesua ho nhyehyɛe no. Wo nhwɛso pa ho hia. Sɛ nhwɛso no, sɛ moyɛ adesua no wɔ obi fie, na wusiesie wo ho te sɛ nea woyɛ kɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a, ɛnde na woda obu adi. Woyɛ nhwɛso pa ma wɔn a ebia wɔde ayɛ wɔn su sɛ wɔde ahosiesie biara kɛkɛ bɛba hɔ no. So wode ayɛ wo su sɛ wubedu hɔ bere ano na woantuatua wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase no aso?

6 Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no yɛ Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom a ehia sɛ yɛboa kosi ase. (Yes. 40:11) Ɛyɛ beae a wobetumi aboa yɛn ankasa, na wɔahyɛ afoforo den wɔ honhom mu nso. Momma yɛn nyinaa ‘nkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho den’ denam nhyehyɛe yi a yɛbɛboa akosi ase no so.​—1 Tess. 5:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena