Fa Nhoma Foforo Bɔ Ahenni Nokware Dawuru
1 Yɛtee nka dɛn bere a yefii ase nyaa nokware no ho nimdeɛ a edi mu no? Ɛyɛ nea yɛn ani gyee ho—ɔdom a ɛnsɛ a efi Yehowa nkyɛn. Yɛtee nka te sɛ asuafo baanu a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn anwonwa kwan so bere a wɔrekɔ Emaus no. Sɛnea Luka 24:32 kyerɛ no, wosisee wɔn ho sɛ: “Ɔne yɛn rekasa ɔkwan mu na obuee kyerɛw nsɛm no mu kyerɛɛ yɛn no, yɛn koma anhyehye yɛn wɔ yɛn mu anaa?” Yiw, yɛn nso, anisɔ yɛɛ yɛn koma ma bere a wɔma yenyaa Kyerɛwnsɛm no mu ntease nea edi kan no.
2 Nanso ɛnyɛ yɛn nkutoo mfaso nti na wɔde nokware no maa yɛn. Ɔsomafo Paulo bisae sɛ, ‘Sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?’ (Rom. 10:14) Mmuae no ba fi Yehowa nkurɔfo a wɔboro ɔpepem 2 a wɔpɛ sɛ wɔyɛ sɛ Yesaia no hɔ sɛ: “Mini, soma me!” (Yes. 6:8) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ Ahenni nokware no ho dawuru wɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛyɛ eyi wɔ yɛn asafo no asasesin mu.
3 Biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ Ahenni nokware no dawuru wɔ yɛn asasesin mu April mu ne nhoma foforo You Can Live Forever in Paradise on Earth no. Yɛde yɛɛ adwuma wɔ afie afie nea edi kan wɔ February a etwaam no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ wode bi mae. Yegye di nso sɛ ebedu nnɛ de woakenkan na enti wo ankasa ahu sɛ ɛyɛ Bible sua mmoa titiriw. Ɛdenam Yehowa nhyira so no yɛwɔ ahotoso sɛ ebedi dwuma kɛse wɔ asram a ɛda yɛn anim no mu.
MA A YƐDE BƐMA WƆ AFIE AFIE ASƐNKA MU
4 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Live Forever nhoma foforo no ama yiye wɔ yɛn afie afie asɛnka mu April mu? Wɔde nyansahyɛ ahorow fɛfɛ ama wɔ Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ ase hɔ wɔ kratafa 4. Afei nso, yebetumi akae sɛ nhoma no ankasa taa kasa ma ne ho. Nkurɔfo hu ne din a ɛkanyan adwene no na wɔn ani gye ho. Nanso sɛ wonhu no yiye a, nhoma no mu kakraa a wobebue, ahwɛ ti horow no ne mfonini ahorow fɛfɛ no boa wɔn ntɛm ara ma wosi gyinae.
5 Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wode bi bɛma bere biara a hokwan bɛba no? Ebinom wɔ hɔ a wɔakyerɛ Bible no ho anigye nnansa yi na ebia wɔagye nhoma mpo. Fa kyerɛ wɔn. Fa ma wɔn a wuhyia wɔn wɔ wo da biara da dwumadi mu, sɛ ebia aguadifo ne afipamfo. Fa bi to baabi a wobetumi ahu na fa ma, sɛ hokwan wɔ hɔ a. Mma wo werɛ mfi w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no.
ADESUA NHOMA A EYE KYƐN SO
6 Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Live Forever nhoma no yɛ Bible adesua mmoa a ɛda nsow a ɛbɛboa kɛse wɔ anoboaboa adwuma no mu daakye? Efisɛ nea yesuae wɔ Bible sua mmoa nhoma a etu mpɔn “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” ne Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a yɛde dii dwuma mu no yɛ nea wɔde adi dwuma wɔ nhoma foforo yi yɛ mu. Enti ekura Kyerɛwsɛm mu nsɛntitiriw koro no ara ne akwan fɛfɛ a wɔnam so de nkyerɛkyerɛ ma a wohu wɔ nhoma ahorow dedaw yi mu no.
7 Wosusuw sɛnea wobetumi akyerɛkyerɛ Bible mu nkyerɛkyerɛ ahorow no mu wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛyɛ tẽe so no ho kɛse. Wogyee bere yɛɛ mfonini ne nhwɛso horow no ma atu mpɔn kɛse, ne nsemmisa horow no na ayɛ nea ɛpɛɛpɛɛ nneɛma mu kɛse. Ne botae koro bere nyinaa ne sɛ ebedu osuani no komam. Ɔdawurubɔfo biako kyerɛw sɛ: “Nea ɛsen nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛde ma ne mfonini ahorow no mpo no, m’ani gye kyerɛw nsɛm ne nsemmisa a ɛde di dwuma ahoɔden so ne sɛnea ɛka asɛm fa ankorankoro ho no ho kɛse, ɛma osuani no hu nneɛma no nyinaa wɔ sɛnea ɛfa ɔne Yehowa abusuabɔ ho no ho. Ɛsɛ sɛ nsonsonoe a wɔama ada mu pefee no boa nkurɔfo ma wohu hia a ehia sɛ wosi gyinae, yiw, wɔyɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn gyidi, wɔn su, wɔn nneyɛe ne nyamesom mu.”
ƐKA NNEƐMA AHOROW PII HO ASƐM
8 Nea ɛka ɔkwan a etu mpɔn kɛse a ɛnam so de Bible mu nokware ahorow ma ho no, nhoma foforo no ka nneɛma ahorow pii ho asɛm sen kan adesua mmoa nhoma horow no. Wɔde nsɛm a ɛho hia ma afoforofo aka ho na aboa osuani no. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi, asɛm a ɛfa abrabɔ pa ho ayɛ hintidua kɛse a esiw afoforofo pii kwan sɛ wobenya nkɔso wɔ nokware no mu. Enti ɛka eyi ho asɛm pii. Ɛnyɛ afotu a ɛyɛ tẽe a ɛfa bɔne horow a ɛsɛ sɛ wokwati ne ɔkwan a wɔbɛfa so akwati ho nko na ɛde ma na mmom nea ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ nea ɛteɛ nso.
9 Wɔ afie afie asɛnka mu, wɔ borɔn so adansedi mu, wɔ sankɔhwɛ-yɛ mu—wɔhyɛ nkuran sɛ ɔdawurubɔfo biara nnya Live Forever nhoma no biako anaa nea ɛboro saa wɔ ne ho. Nkɔ asɛnka a wunkura bi! Adwempa a wubenya bere a wode nhoma no rekyerɛ, aka emu nsɛm na wode ama no bɛbɔ kwan ama ofie Bible adesua afoforo pii a wubefi ase.
10 Esiane sɛ yɛn mu pii yɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi nti, yebetumi ahwɛ adanse kɛse a wɔde Live Forever nhoma foforo no bedi kwan. Momma yɛn nyinaa, akwampaefo ne adawurubɔfo, mfa hokwan a Yehowa de ama yɛn wɔ bere a etwa to yi mu no nni dwuma mmɔ Ahenni nokware no ho dawuru.