Wɔatew Nnwumakuw Foforo
January 15, 2001 Ɔwɛn-Aban no kaa sɛnea Yehowa Adansefo ama Ahenni adwuma no renya nkɔanim wɔano wɔano wɔ asase so nyinaa ho asɛm. Ɛsan kyerɛe sɛnea wɔde mmara kwan so ahyehyɛde ahorow retrɛw asɛmpa no mu. Ahyehyɛde anaasɛ nnwumakuw a ɛtete saa no ho hia na wɔadi amantam ne ɔman mmara ahorow so sɛnea Onyankopɔn Asɛm hwehwɛ no. (Rom. 13:1) Esiane sɛ yɛn adwuma no gu ahorow na ɛso nti, Sodikuw no apene so sɛ wɔntew nnwumakuw foforo mfa nni Yehowa Adansefo ahiade ahorow bi ho dwuma wɔ Ghana ha. Nnwumakuw foforo no na edidi so yi:
Christian Congregation of Jehovah’s Witnesses
Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana
Wɔde eyinom bɛyɛ adwuma aka Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania ne Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., a ɛwɔ U.S. no ho. Asafo ahorow no ne adawurubɔfo betumi anya nkrataa afi nnwumakuw yi mu biara hɔ. Yɛn ani bɛsɔ nsakrae yi a Sodikuw no ayɛ de yɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ Owura no nneɛma nyinaa so a mobɛboa kɛse no.—Mat. 24:45-47.