Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/09 kr. 3
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔatew Nnwumakuw Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsonsonoe a Ɛda Sodikuw no ne Mmara Kwan so Ahyehyɛde Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ahenni Asa Adansi Nhyehyɛe Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nkaebɔ Titiriw Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 4/09 kr. 3

Asɛmmisa Afã

◼ So ɛfata sɛ asafo ahorow anaa ankorankoro de Yehowa Adansefo mmara kwan so ahyehyɛde no ahyɛnsode ahorow di dwuma?

Ahyɛnsode yɛ edin, sɛnkyerɛnne, anaa agyiraehyɛde a ɛma wotumi hu nea biribi kyerɛ ntɛm. Ɔwɛn Aban ahyɛnsode no yɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania ne nnwumakuw afoforo a ahyehyɛde no de di dwuma no agyiraehyɛde. Christian Congregation of Jehovah’s Witnesses no de Bible a wɔabue mu na ayɛ ahyɛnsode wɔ wɔn nkrataa a wɔkyerɛw so. Nnwumakuw afoforo a Yehowa Adansefo de di dwuma no nso wɔ ahyɛnsode afoforo.

Ɛnsɛ sɛ asafo ahorow anaa ankorankoro de ahyɛnsode, edin, anaa biribi a ɛte saa a ahyehyɛde no de di dwuma wɔ mmara kwan so no bɔ wɔn Ahenni Asa ho, yɛ akwankyerɛ pon, bɔ nhoma a wɔde kyerɛw nkrataa so, yɛ nneɛma ma ankorankoro, ne nea ɛtete saa. Sɛ wɔde ahyehyɛde no ahyɛnsode di dwuma wɔ ɔkwan a ɛtete saa so a, ɛremma aban mpanyimfo, adawurubɔfo, ne afoforo nhu abusuabɔ a ɛda asafo no ne mmara kwan so ahyehyɛde no ntam. Saa ara na sɛ asafo ahorow no kyerɛw nkrataa kɔma afoforo a, wobetumi asusuw sɛ asafo no wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaa Betel adwumayɛbea no na ɛpenee so anaasɛ efi wɔn hɔ.

Ɛnsɛ sɛ daakye obiara de Ɔwɛn Aban ahyɛnsode anaa ne sɛso biara bɔ Ahenni Asa a wobesi ho ɛmfa ho sɛ ebia ɔdan a wɔresi no yɛ Watch Tower adwumakuw bi de no. Wɔnhwehwɛ sɛ asafo ahorow a wɔwɔ Ahenni Asa a Ɔwɛn Aban ahyɛnsode bobɔ ho no sesa no ntɛm ara efisɛ ebia ɛbɛma wɔayɛ nsakrae atitiriw bi wɔ ɔdan no ho na wɔasɛe bere anaa sika pii. Nanso sɛ ɛrenyɛ adwuma titiriw biara a, ɛnde wobetumi asusuw ho na wɔasesa. Ɛnte saa nso a, wobetumi ayɛ nsakrae no bere a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobesiesie akwankyerɛ pon anaa ɔdan no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena