Pii a Yegu no Ma Yenya Nhyira Pii
1 Yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ bɔhyɛ akɛse a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no benya mmamu. Ɛnnɛ mpo, Yehowa ma yenya nhyira pii a ɛma yɛn asetra yɛ anigye. Nanso, mfaso a yɛn ankasa nya no gyina mmɔden a yɛbɔ no so kɛse. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, “nea ogu pii no betwa pii nso.” (2 Kor. 9:6, NW) Susuw nneɛma abien a nnyinasosɛm yi fa ho no ho hwɛ.
2 Yɛn Ankasa Som Adwuma: Asɛmpa no a yɛka kyerɛ nkurɔfo bere biara a yetumi di adanse no de mfaso pii ba. (Mmeb. 3:27, 28) Nea ɛfata nkamfo ne sɛ nnipa pii regu pii denam trɛw a wɔtrɛw wɔn som adwuma a akwampae aboafo ne daa akwampae adwuma ka ho mu no so. Yɛn nyinaa betumi agu pii denam bɔ a yɛbɛbɔ mmɔden asan akɔboa anigyefo a yenya wɔn nyinaa na yɛaka sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua bere biara a hokwan no bebue so. (Rom. 12:11) Mmɔden a yɛbɔ wɔ saa akwan yi so no ma yenya osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran ne anigye kɛse wɔ yɛn som adwuma mu.
3 Ahenni Nneɛma a Yɛbɛboa: Paulo kaa ‘pii a wogu’ ho asɛm no de faa honam fam nneɛma a wɔde ma ho. (2 Kor. 9:6, 7, 11, 13) Ɛnnɛ, pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ wɔ honam fam de aboa Ahenni nneɛma. Yebetumi aboa wɔ Ahenni Asa ne Nhyiam Asa a wosisi no mu. Yebetumi atu yɛn ho ama nso ma wɔasiesie mmeae yi a yɛde nokware som ma wɔ hɔ no. Afei nso, yebetumi ayi sika fam ntoboa ma wɔde atua ka a yɛn asafo no bɔ ne wiase nyinaa Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ho de. Bere a yɛn nyinaa yɛ yɛn fam de no, hwɛ sɛnea yɛn ani gye kɛse bere a yehu sɛ Yehowa hyira n’adwuma a wahyɛ sɛ yɛnyɛ yi so no!—Mal. 3:10; Luka 6:38.
4 Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ yiye, nnya yɛn ho nnwuma pa fam, nkyɛ ade fɛw so na yɛn nsa nteɛ.’ Bere a yetie saa afotu no, yenya nhyira pii nnɛ. Wɔ saa bere koro no ara mu no, na ‘yɛreto nhyɛase pa ama daakye ne nokware nkwa’ a ɛbɛba no ama yɛn ho.—1 Tim. 6:18, 19.