Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban June 15
“So wususuw sɛ da bi bɛba a yebehu sɛ ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ aba awiei? [Kenkan asɛm a wɔafa aka a ɛwɔ asɛm a edi kan mu no, na ma ommua.] Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ na ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ no aba awiei. [Kenkan Dwom 72:12-14.] Ɔwɛn-Aban yi kyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɛyɛ eyi no mu.”
Nyan! July 8
“So wususuw sɛ obiara benya ahofadi ankasa da bi wɔ asase so? [Ma ommua.] Hyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi nsow. [Kenkan Romafo 8:21.] Sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam a, ɛsɛ sɛ nkoasom nyinaa ba awiei, ɛnte saa? Nyan! yi kyerɛ sɛnea eyi bɛbam.”
Ɔwɛn-Aban July 1
“Nnipa ɔpepem pii de ahoni di dwuma wɔ wɔn som mu, na afoforo ɔpepem pii nso susuw sɛ saayɛ nteɛ. So woadwen nea Onyankopɔn susuw wɔ ho no ho pɛn? [Ma ommua. Afei kenkan Yohane 4:24.] Nsɛm yi kyerɛ sɛnea wofii ase de ahoni dii dwuma ne nea Bible ka fa ahonisom ho.”
Nyan! July 8
“Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ mmere a emu yɛ den bɛba wɔ nna a edi akyiri no mu. [Kenkan 2 Timoteo 3:1, 3.] Nsɛmmɔne dodow a wodi wɔ wiase nyinaa no di eyi ho adanse. Sɛ polisifo nni hɔ a, anka hwɛ sɛnea tebea no bɛsɛe koraa! Nyan! yi ka nsɛnnennen a polisifo hyia wɔ wiase nyinaa no ho asɛm.”