Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban May 1
“Esiane sɛ nyamesom mu akannifo binom pɛ sɛ wɔboa ma nnipa asetra tu mpɔn nti, wɔde wɔn ho ahyehyɛ amanyɔsɛm mu. Nanso hyɛ nea Yesu yɛe bere a nkurɔfo pɛe sɛ wɔde no si hene no nsow. [Kenkan Yohane 6:15.] Yesu twee adwene sii biribi a ɛde daa yiyedi bɛbrɛ afoforo so. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ dekode no mu.”
Nyan! May 8
“Nnipa pii hyia nsɛnnennen wɔ adwumam. Ebinom mfɛfo adwumayɛfo mpo teetee wɔn. So wunim sɛ Bible no kura afotusɛm a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina nsɛnnennen a ɛtete saa ano? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 15:1.] Nsɛmma nhoma yi de ɔkwan a yɛbɛfa so ama asomdwoe atra yɛne afoforo ntam wɔ adwumam ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma.”
Ɔwɛn-Aban May 15
“Woasusuw ho pɛn sɛ ebia nneɛma a nnipa yɛ wɔ asase so no ka Onyankopɔn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ sɛnea yɛn nneyɛe betumi aka Onyankopɔn no nsow. [Kenkan Mmebusɛm 27:11.] Nsɛmma nhoma yi susuw nkurɔfo a wɔmaa Onyankopɔn koma ani gyei nhwɛso ho, na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara mu.”
Nyan! June 8
“Aduruyɛ mu nyansahu a wɔde ko tia nyarewa akɔ anim araa yiye, nanso wususuw sɛ da bi bɛba a obiara renyare bio wɔ wiase? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ da bi bɛba a nnipa a wɔte asase so nyinaa benya akwahosan a edi mu ma saa bɔhyɛ yi abam.” Kenkan Yesaia 33:24.