Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/02 kr. 3-4
  • Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Obi a Wɔatu no Di
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nteɛso a Ebetumi Asow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Suasua Onyankopɔn Mmɔborohunu Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 8/02 kr. 3-4

Da Kristofo Nokwaredi Adi Bere a Wotu Wo Busuani Bi No

1. Tebea bɛn na ebetumi asɔ Kristoni nokwaredi ahwɛ?

1 Abusuafo ntam abusuabɔ mu betumi ayɛ den yiye. Eyi ma Kristoni hyia sɔhwɛ bere a wotu n’aware mu hokafo, ne ba, ɔwofo, anaa obusuani foforo a ɔbɛn no pɛɛ anaa bere a obi a ɔte saa atwe ne ho afi asafo no ho no. (Mat. 10:37) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo anokwafo ne saa obusuani no di nsɛm? Sɛ onipa no te wo fie a, so ɛsɛ sɛ wo ne no di wɔ ɔkwan soronko so? Nea edi kan no, momma yensusuw nea Bible ka wɔ asɛm yi, nnyinasosɛm a ɛfa wɔn a wotu wɔn ne wɔn a wɔtwe wɔn ho nso ho no ho.

2. Sɛnea Bible no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo ne wɔn a wɔatu wɔn afi asafo no mu di?

2 Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yɛne Wɔn a Wɔatu Wɔn Di: Onyankopɔn Asɛm hyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne obi a wɔatu no afi asafo no mu bɔ: ‘Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!’ (1 Kor. 5:11, 13) Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 18:17 no nso fa asɛm yi ho: “Bu [nea wɔatu no] no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.” Na Yesu atiefo no nim yiye sɛ wɔn bere so Yudafo ne Amanaman mufo mmɔ, na na wɔkwati towgyefo sɛ nnipa a wɔatwa wɔn asu. Enti na Yesu rekyerɛkyerɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔatu wɔn no bɔ.—Hwɛ December 1, 1981, Ɔwɛn-Aban no kratafa 9-10.

3, 4. Yɛne nnipa a wɔatu wɔn ne wɔn a wɔatwe wɔn ho ntam fekubɔ bɛn na wɔbara?

3 Eyi kyerɛ sɛ Kristofo anokwafo ne obiara a wɔatu no afi asafo no mu no mmɔ wɔ honhom fam. Nanso pii ka ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne ‘onipa a ɔte saa no didi mpo.’ (1 Kor. 5:11) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛne obi a wɔatu no bɔ fekuw. Eyi kyerɛ sɛ yentumi ne no nkɔ piknik, apontow ne agodie ase, yɛne no mmɔ bɔɔl anaa yɛne no nkodi gua anaasɛ yɛne no nkɔ agodibea, na yɛne no nnidi wɔ fie anaa adidibea.

4 Na obi a wɔatu no a yɛne no bɛkasa nso ɛ? Ɛwom sɛ Bible no nka tebea biara a ebetumi asɔre ho asɛm de, nanso 2 Yohane 10 boa yɛn ma yenya Yehowa adwene wɔ nsɛm ho: “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!” Bere a December 1, 1981 Ɔwɛn-Aban no reka eyi ho asɛm wɔ kratafa 14 no, ɛka sɛ: “Kyia a wokyia obiara kwa no betumi ayɛ adeyɛ a edi kan a ɛde nkɔmmɔbɔ ba na ebi mpo a efi adamfofa ase. So yɛbɛpɛ sɛ yɛne onipa a wɔatu no fi adeyɛ a edi kan yi ase?”

5. Sɛ wotu obi a, dɛn na ɔhwere?

5 Nokwarem no, ɛte sɛ nea wɔka wɔ January 1, 1982, Ɔwɛn-Aban no kratafa 6 no ara pɛ. “Nokwasɛm no ne sɛ sɛ Kristoni de ne ho ma bɔne na ɛsɛ sɛ wotu no a, ɔhwere nneɛma pii: gyinabea pa a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim; . . . fekubɔ a ɛyɛ anigye a ɔne anuanom nya, a fekuw a na ɔne abusuafo Kristofo bɔ ka ho.”

6. So wɔhwehwɛ sɛ Kristoni twa fekuw biara a ɔne ne busuani a wɔatu no a ɔne no te fie biako mu bɔ no mu? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Bere a Mote Ofie Biako Mu: So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔne wɔn busuani a wɔatu no te ofie biako mu no kasa, didi, na wɔne no bɔ fekuw bere a wɔyɛ wɔn da biara nnwuma no? April 15, 1991 Ɔwɛn-Aban no kae wɔ ase hɔ asɛm a ɛwɔ kratafa 22 no mu sɛ: “Sɛ wɔne obusuani bi a wɔatu no te Kristofo bi fie a, onii no bɛkɔ so ne wɔn ayɛ ofie hɔ nneɛma a wɔyɛ no da biara no bi.” Enti wobegyaw ama abusua no mufo ma wɔasi faako a wɔne wɔn busuani a wɔatu no no bɛbom ayɛ ade akodu ho gyinae bere a wodidi anaasɛ wɔyɛ ofie nnwuma foforo bi no. Nanso, wɔrempɛ sɛ wɔbɛma anuanom a wɔne wɔn bɔ no anya adwene sɛ biribiara te sɛnea ɛte ansa na wɔretu no no.

7. Sɛ wotu abusua no muni bi a, ɔkwan bɛn so na honhom fam fekubɔ a ɛwɔ fie hɔ no sakra?

7 Nanso, January 1,1982 Ɔwɛn-Aban no kratafa 4 ka obi a wɔatu no anaa watwe ne ho no ho asɛm sɛ: “Wɔatetew honhom fam abusuabɔ biara a na yɛne onii no wɔ no mu koraa. Na eyi te saa wɔ n’abusuafo mpo fam, a wɔn a wɔwɔ n’abusua a ɛbɛn pɛɛ no mu no ka ho. . . . Ɛno bɛkyerɛ nsakrae wɔ honhom mu fekubɔ a na ɛkɔ so wɔ fie hɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wotu okunu no a, ɛbɛhaw ne yere ne ne mma no adwene sɛ ɔne wɔn bɛyɛ abusua Bible adesua anaasɛ obedi anim wɔ Bible akenkan ne mpaebɔ mu. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ mpae, ebia adidi bere a, obetumi ayɛ saa wɔ n’ankasa fie. Nanso wɔn nso wobetumi abɔ Onyankopɔn mpae wɔ wɔn tirim. (Mmeb. 28:9; Dw. 119:145, 146) Na sɛ obi a wɔatu no a ɔwɔ fie hɔ pɛ sɛ ɔtra mu bere a abusua no bom kenkan Bible anaasɛ wɔyɛ Bible adesua nso ɛ? Afoforo no betumi ama no kwan ma watra hɔ atie bi sɛ ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn anaasɛ ɔbɛka ne nyamesom adwene a okura no akyerɛ a.”

8. Asɛyɛde bɛn na Kristofo awofo wɔ wɔ wɔn ba kumaa a wɔatu no a wɔne no te fie no ho?

8 Sɛ wotu abofra kumaa bi a ɔne n’awofo a wɔyɛ Kristofo te fie a, ɛda so ara yɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛtete no. June 15, 1989, Ɔwɛn-Aban no kratafa 20 ka sɛ: “Sɛnea wɔbɛkɔ so ama no aduan, ntama, ne dabere no, ɛho hia sɛ wɔteɛ no so ma ɛne Onyankopɔn Asɛm hyia. (Mmebusɛm 6:20-22; 29:17) Enti ebia awofo a wɔwɔ ɔdɔ no bɛyɛ nhyehyɛe na wɔne no asua Bible no, sɛ wɔatu no afi asafo no mu mpo a. Ebia obenya mfaso a ebesiesie no afi adesua a wɔne no nkutoo bɛyɛ no mu. Anaasɛ ebia wobesi gyinae sɛ obetumi akɔ so anya abusua nhyehyɛe no mu kyɛfa.”—Hwɛ October 1, 2001, Ɔwɛn-Aban no kratafa 16 ne 17 nso.

9. Ɛsɛ sɛ Kristoni ne ne busuani a wɔatu no a ɔne no nte fie biako mu di nkitaho kodu he?

9 Abusuafo a Wɔne Wɔn Nte Ofie Biako Mu: June 1, 1988, Ɔwɛn-Aban no kratafa 29 ka sɛ: “Ɛsono tebea no, sɛ nea wɔatu no anaasɛ watwe ne ho no ne abusua no nte faako ne ofie biako mu a. Ebetumi aba sɛ wɔne obusuani no renni nkitaho koraa. Sɛ abusuasɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔne no di nkitaho wɔ ho a, ɛda adi sɛ wɔrenyɛ eyi nkɔ akyiri” na ama ɛne Onyankopɔn ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔne ‘obi’ a wayɛ bɔne a onnu ne ho no “mmmɔ” no ahyia. (1 Kor. 5:11) Ɛsɛ sɛ Kristofo anokwafo bɔ mmɔden kwati fekuw a ɛho nhia a wɔne obusuani a ɔte saa bɛbɔ no, na wɔma nkitaho a wɔne no di wɔ adwuma ho nsɛm mu mpo yɛ kakraa bi pɛ.—Hwɛ January 1, 1982, Ɔwɛn-Aban no kratafa 5-7.

10, 11. Nneɛma bɛn na Kristoni besusuw ho ansa na wama ne busuani a wɔatu no no abɛtra ne fie?

10 Ɔwɛn-Aban no ka tebea foforo a ebetumi asɔre ho asɛm: “Na sɛ wotu obusuani bi a ɔbɛn, te sɛ ɔbabarima anaa ɔwofo a ɔnte fie hɔ, na ɛno akyi no ɔpɛ sɛ ɔsan bɛtra hɔ ɛ? Abusua no betumi asi nea wɔbɛyɛ ho gyinae sɛnea nsɛm tebea no te. Sɛ nhwɛso no, ebia na ɔwofo a wɔatu no no yare anaasɛ ontumi nhwɛ ne ho wɔ sika fam anaa honam fam bio. Ɛyɛ mmofra a wɔyɛ Kristofo no asɛyɛde wɔ Kyerɛwnsɛm mu ne abrabɔ fam sɛ wɔboa. (1 Tim. 5:8) . . . Ebia nea wɔbɛyɛ no begyina nneɛma te sɛ ɔwofo no ahiade ankasa, ne suban ne obu a agya no wɔ ma abusua no honhom mu yiyedi no so.”—January 1, 1982 Ɔwɛn-Aban kratafa 4-5.

11 Wɔ abofra fam no, asɛnkoro no toa so sɛ: “Ɛtɔ da bi a awofo Kristofo gye abofra a wɔatu no a ɔyare ba fie bere tenten bi. Nanso emu biara fam no, awofo no betumi asusuw nsɛm tebea no ho. So ɔba a wɔatu no no atew ne ho akɔtra, na afei de ontumi ntra bio anaa? Anaa ɔpɛ sɛ ɔsan ba fie esiane sɛ ɛbɛma asetra ayɛ mmerɛw ama no titiriw nti? Na n’abrabɔ ne ne nneyɛe nso ɛ? So ɔde ‘mmɔkaw’ bɛba fie hɔ?—Gal. 5:9.”

12. Otu ho nhyehyɛe so mfaso horow no bi ne dɛn?

12 Nokwaredi Ma Yehowa So Mfaso Horow: Kyerɛwnsɛm mu nhyehyɛe a ɛma wotu abɔnefo a wonnu wɔn ho ne kwati a yɛbɛkwati wɔn so a yebedi no de mfaso ba. Ɛma asafo no ho kɔ so tew na ɛma yɛda nsow sɛ wɔn a wodi Bible abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn no so. (1 Pet. 1:14-16) Ɛbɔ yɛn ho ban fi ɔporɔw ho. (Gal. 5:7-9) Ɛma ɔbɔnefo no nso nya hokwan de nya nteɛso a ebetumi aboa no ma wasow “asomdwoe aba a ɛyɛ trenee” no so mfaso koraa.—Heb. 12:11.

13. Nsakrae bɛn na abusua bi yɛe, na dɛn na efii mu bae?

13 Bere a onua bi ne ne nuabea tiee ɔkasa bi wɔ ɔmansin nhyiam ase no, wohui sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔne wɔn maame a ɔte baabi foforo a wɔatu no mfe asia di nsɛm mu. Wɔ nhyiam no akyi pɛɛ no, ɔbarima no frɛɛ ne maame na bere a ɔmaa no awerɛhyem sɛ wɔdɔ no akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ wontumi ne no nkasa bio gye sɛ abusuasɛm bi wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ wɔne no di ho nkitaho. Ɛno akyi pɛɛ no, ne maame fii ase kɔɔ asafo nhyiam horow na awiei koraa no wɔsan gyee no. Afei nso, ne kunu a onnye nni no fii ase suaa ade na ankyɛ na wɔbɔɔ no asu.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi nokwaredi mu di otu ho nhyehyɛe no so?

14 Wɔ Ghana no, abusuafo ntam abusuabɔ mu yɛ den. Nanso, otu ho nhyehyɛe a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no so a yebedi no da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛma onya asɛm bua nea ɔbɔ No ahohora no. (Mmeb. 27:11) Ɛno bɛma yɛanya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn. Ɔhene Dawid kyerɛw faa Yehowa ho sɛ: “N’ahyɛde nso, mimfii ho ɛ. Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so.”—2 Sam. 22:23, 26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena