Ka Ahenni Ho Asɛm No
1 “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Yesu nam saa nsɛm no so daa ne som adwuma no asɛmti adi—Onyankopɔn Ahenni. Asɛm a yɛka nnɛ no nso gyina Ahenni no so, sɛnea wɔka siei wɔ Mateo 24:14 no: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Onyankopɔn Ahenni no ho nokware ahorow bɛn na ehia sɛ nkurɔfo te?
2 Onyankopɔn Ahenni no fi soro di tumi mprempren na ɛbɛba abesi nnipa nniso nyinaa ananmu nnansa yi ara. Wɔatu Ɔbonsam afi soro dedaw, na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no ahyɛn ne nna a edi akyiri mu. (Adi. 12:10, 12) Wɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe dedaw bɔne yi koraa, nanso wɔrenwosow Onyankopɔn Ahenni no. Ebegyina daa.—Dan. 2:44; Heb. 12:28.
3 Ahenni no bedi adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa apɛde a ɛfata ho dwuma. Ebegye adesamma afi amanehunu a akodi, nsɛmmɔnedi, nhyɛso, ne ohia de ba no mu. (Dw. 46:8, 9; 72:12-14) Aduan bebu so ma obiara anya bi adi. (Dw. 72:16; Yes. 25:6) Nyarewa ne dɛmdi bɛyɛ nneɛma a yɛrenkae bio. (Yes. 33:24; 35:5, 6) Bere a adesamma nyin kɔ pɛyɛ mu no, wɔbɛdan asase no paradise, na nnipa bɛtra ase wɔ biakoyɛ mu.—Yes. 11:6-9.
4 Yɛnam sɛnea yebu yɛn bra nnɛ so kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa. Ɛsɛ sɛ Ahenni no ho asɛm no nya yɛn asetra nyinaa so nkɛntɛnso, a yɛn botae ne yɛn ahiade atitiriw ka ho. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛbɛma yɛn abusua anya wɔn ahiade de, nanso yentumi mma honam fam ahiade ahorow nsiw Ahenni nneɛma kwan. (Mat. 13:22; 1 Tim. 5:8) Mmom no, ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu yi: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan, na wɔde eyinom nyinaa [asetram honam fam ahiade] bɛka mo ho.”—Mat. 6:33.
5 Ɛho hia sɛ nkurɔfo te Ahenni ho asɛm no na wɔyɛ ho biribi bere a bere da so wɔ hɔ no. Momma yɛmmoa wɔn mma wɔnyɛ saa denam ‘Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no a yɛbɛka ma atɔ wɔn asom’ no so.—Aso. 19:8.