Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/03 kr. 7
  • So Wubetumi De Wo Fie Ama?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi De Wo Fie Ama?
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Asafo Nhoma Adesua—Nea Enti a Yehia
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Sɛnea Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Boa Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 6/03 kr. 7

So Wubetumi De Wo Fie Ama?

1 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristofo pii de wɔn afie mae ma wɔde yɛɛ asafo nhyiam ahorow. (1 Kor. 16:19; Kol. 4:15; Filem. 1, 2) Wɔ asafo horow bi mu nnɛ no, wonnya mmeae a ɛdɔɔso a wɔde bɛyɛ Asafo Nhoma Adesua ne asɛnka nhyiam. Eyi betumi ama nnipa 30 anaa nea ɛboro saa akɔ nhoma adesua akuw bi mu, nea ɛboro nnipa bɛyɛ 15 a wɔhyɛ ho nkuran no so koraa.

2 Hokwan Kɛse: So woasusuw ho sɛ wode wo fie bɛma ma wɔde ayɛ Asafo Nhoma Adesua? Ɔdan a emu so sɛnea ɛsɛ a emu tew, a kanea a eye wom, na mframa tumi fa mu ye ma atirimpɔw yi. Esiane sɛ nhoma adesua yɛ asafo nhyiam na ɛka Yehowa nhyehyɛe a ɔnam so kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo ho nti, nhoma adesua a wɔbɛyɛ wɔ wo fie no yɛ hokwan kɛse. Anuanom pii bɔ amanneɛ sɛ wɔanya honhom fam mfaso pii afi wɔn fie a wɔde mae saa kwan yi so no mu.

3 Sɛ wususuw sɛ wo fie fata a, ɛnde bɔ mmɔden sɛ wobɛma asafo mu mpanyimfo no aso ate. Ebia na wɔrehwehwɛ mmeae foforo a wɔbɛyɛ bi. Sɛ wontumi nyɛ nhoma adesua wɔ wo fie a, so wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam wɔ hɔ? Sɛ ɛho nhiae mprempren mpo a, mpanyimfo no ani begye ho sɛ wobehu sɛ wubetumi de wo fie ama. Hokwan no betumi abue ama wo daakye.

4 Suban Pa a Wɔda no Adi: Sɛ muhyiam wɔ obi fie a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaba hɔ nyinaa kyerɛ obu ma ofiewura no agyapade. Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ hu sɛ wɔn mma bɛtra baabi a wɔyɛ adesua no, na ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mmeae foforo a ahɔho nkɔ hɔ wɔ fie hɔ no. Afei nso ɛsɛ sɛ mususuw afipamfo no ho, na moanyɛ biribiara a ɛbɛhaw wɔn.—2 Kor. 6:3, 4; 1 Pet. 2:12.

5 Hebrifo 13:16 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmma yɛn ani mmpa “yiyeyɛ ne adekyɛ . . . so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” Wo fie a wode bɛma ma wɔayɛ asafo nhyiam wɔ hɔ no yɛ ɔkwampa a wonam so ne afoforo kyɛ nneɛma pa na ‘wode w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.’—Mmeb. 3:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena