Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban June 15
“Nnipa bi susuw sɛ Yesu ne onipa a ɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu. Afoforo nso nnye ntom sɛ ɔyɛ obi a watra ase pɛn mpo. So wususuw sɛ ne ho gyidi a yɛwɔ no ho hia? [Sɛ obua a, kenkan Asomafo no Nnwuma 4:12.] Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu traa ase wɔ asase so ankasa? Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ saa asɛmmisa no mu.”
Nyan! July 8
“Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm haw nnipa pii. So wususuw sɛ yebetumi akora wiase kwaebirentuw so? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma no ka mmɔden a wɔrebɔ mprempren sɛ wɔbɛkora kwaebirentuw so no ho asɛm. Ɛka sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi bɛbam ho asɛm nso.” Kenkan Yesaia 11:9.
Ɔwɛn-Aban July 1
“Sɛ́ nnipa no, yɛn ahiade atitiriw mu biako ne sɛ yɛbɛdɔ afoforo na wɔn nso wɔadɔ yɛn. [Kenkan asɛm a wɔakyerɛw wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 4 ase no.] Nanso, so woahyɛ no nsow sɛ nnɛyi nnipa ma nneɛma foforo ho hia wɔn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛkyerɛ nokware dɔ ne sɛnea yebetumi anya bi mu.” Kenkan 1 Korintofo 13:2.
Nyan! July 8
“Basabasayɛ a ntease nnim a ɛrenya nkɔanim no haw nnipa pii. [Twe adwene si ɛho nhwɛso bi a asi wɔ mo mpɔtam hɔ a wonim so, na twɛn ma ɔnka biribi.] Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ nneɛma a ɛde awudisɛm ba no bi mu. Ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn beyi nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ afi hɔ koraa mu.” Kenkan Dwom 37:10, 11.