Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/03 kr. 1
  • Adwuma a Ɛma Abotɔyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma a Ɛma Abotɔyam
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Momfa Me Kɔndua Nto Mo ho So”
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • “Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ho Adwo Mo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • ‘Ɔhome A Mubenya Ama Mo Kra’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • ‘Munnya Ɔhome Mma Mo Kra’
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 8/03 kr. 1

Adwuma a Ɛma Abotɔyam

1 Wɔn a wotie Bible mu asɛm na wɔde di dwuma wɔ wɔn asetram no nyinaa nya abotɔyam. (Dw. 19:7, 8) Ɛboa wɔn ma wɔtwe wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe bɔne ho na ɛma wonya daakye ho anidaso a edi mũ. Nanso, ɛnyɛ wɔn a wotie asɛmpa no nkutoo na wonya so mfaso. Wɔn a wɔka Bible mu nokware a abotɔyam wom ho asɛm kyerɛ afoforo no ankasa nso nya abotɔyam.—Mmeb. 11:25.

2 Asɛnka Adwuma no Hyɛ Yɛn Den: Yesu kae sɛ wɔn a wogye Kristofo asuafoyɛ kɔndua no tom, a nea ɛka ho ne asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no, ‘benya ɔhome ama wɔn kra.’ (Mat. 11:29) Ɔno ankasa hui sɛ afoforo a odi wɔn adanse no hyɛ no den. Ná ɛte sɛ aduan a odi. (Yoh.4:34) Bere a ɔsomaa asuafo 70 sɛ wɔnkɔka asɛm no, wɔn ani gyei bere a wohui sɛ Yehowa rehyira wɔn mmɔdenbɔ so no.—Luka 10:17.

3 Saa ara na asɛnka adwuma no a Kristofo pii de wɔn ho hyem no hyɛ wɔn den. Onuawa bi kae sɛ: “Asɛnka adwuma no ma minya abotɔyam efisɛ ɛma mihu atirimpɔw a mikura wɔ asetram. Sɛ minya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, ɛma me werɛ fi me haw ne da biara da mu dadwen ahorow.” Ɔsɛnkafo foforo a ɔyɛ nsi kae sɛ: “Asɛnka adwuma no . . . ma mihu bere nyinaa sɛ Yehowa wɔ hɔ paa na ɔma minya asomdwoe ne akomatɔyam bi a biribi foforo biara ntumi mma minnya.” Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛyɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo”!—1 Kor. 3:9.

4 Kristo Kɔndua Yɛ Hare: Bere a wotu Kristofo fo sɛ ‘wɔnyere wɔn ho’ no, Yesu nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Luka 13:24) Nokwarem no, ofi ɔdɔ mu to nsa frɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa ne kɔndua nto yɛn ho so.’ (Mat. 11:29) Wɔn a wɔrehyia ɔhaw ahorow no betumi anya awerɛhyem sɛ wɔn som a efi ɔkra nyinaa mu no sɔ Onyankopɔn ani yiye, sɛ esua mpo a.—Marko 14:6-8; Kol. 3:23.

5 Hwɛ abotɔyam ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn a n’ani sɔ nea yɛyɛ biara wɔ ne din ho no! (Heb. 6:10) Ɛmmra sɛ yɛbɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena