Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/04 kr. 3
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Koma A Edi Mũ Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛde Koma Mũ Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 7/04 kr. 3

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nsɛm pii wɔ hɔ nnɛ a ɛfa yɛn koma ankasa a yɛbɛma adi mu na ama yɛanya nkwa tenten a anigye wom ho. Nea ɛho hia sen saa mpo ne tebea a yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no wom no. Ɛnde, monhwɛ sɛnea da koro nhyiam titiriw dwumadi a efi ase ɔsram yi a asɛmti no ne: “Fa Koma a Edi Mu Som Yehowa” no fata. (1 Be. 28:9) Dɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebetumi asua?

Ɔmansin sohwɛfo no bɛkyerɛkyerɛ asɛmti a ɛne “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔde Ɔkra Mu Anisɔ Asom Yehowa” no mu. Nsɛm a wobebisabisa afoforo no besi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no anigye a yɛbɛkanyan na yɛne wɔn asua Bible no so dua. Akyinnye biara nni ho sɛ, obiara benya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ afi ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no kasa a edi kan, “Yɛn Koma a Yɛbɛbɔ Ho Ban Wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Mu” no mu. Wɔbɛma asubɔ kasa no de anɔpa dwumadi no aba awiei.

Wɔ awia dwumadi no mu no, ɔfã a wɔato din “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn” no bɛka sɛnea yɛbɛboa afoforo ho asɛm. Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma koma ho ban wɔ nkɛntɛnso bɔne ho na aboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa? Ɔfã a ɛne “Boa Wo Mma Ma Wonnya Yehowa Mu Anigye” no de nyansahyɛ a mfaso wɔ so bɛma na akyerɛ sɛnea wobetumi ayɛ eyi.

So yɛde nsiesiei biara a Yehowa yɛ na ama yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no anya ahoɔden na ayɛ den no redi dwuma? Ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no kasa a etwa to, “Kɔ So Fa Koma a Edi Mu Som Yehowa,” no bɛtwe adwene asi yɛn honhom fam nsiesiei ho dwumadi no ho nneɛma atitiriw anan so. Bere dodow bɛn na yegye na mmɔden bɛn na yɛbɔ de bɔ mpae anibere so, de sua Onyankopɔn Asɛm, de yɛ asɛnka adwuma nnam so, na yɛde ne Kristofo foforo nya fekubɔ? So yebetumi atu mpɔn wɔ eyi mu biara mu?

Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma bra nteɛso ho, na fa w’aso bra nimdeɛ nsɛm ho.” (Mmeb. 23:12) Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛkɔ akotie Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so yi. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ wo den ma woakɔ so de koma a edi mu ne ɔkra mu anisɔ asom Yehowa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena