Hwɛ Sɛnea Wode Wo Bere Di Dwuma no Yiye
1. Asɛnnennen bɛn na nkurɔfo hyia wɔ baabiara nnɛ?
1 Wɔ nnɛ a mfiri ma yɛyɛ yɛn nnwuma ntɛmntɛm nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea nnipa pii nni bere a wɔde bɛyɛ nneɛma pii. So ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ so ayɛ nneɛma a woyɛ wɔ wo som mu no? So wo yam a anka wowɔ bere pii a wode bɛkɔ asɛnka? Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn bere adi dwuma yiye?—Dw. 90:12; Fil. 1:9-11.
2, 3. Asɛnnennen bɛn na kɔmputa ne telefon mu nkɔso de aba, na ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi apɛɛpɛɛ ne ho mu ahwɛ?
2 Hu Nneɛma a Ɛsɛe Wo Bere: Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no wɔ bere ne bere mu. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” (Efe. 5:15, 16) Susuw nsɛnnennen a kɔmputa ne telefon mu nkɔso de aba no ho. Ɛwom sɛ yɛde kɔmputa ne mfiri foforo yɛ nneɛma a ɛfata de, nanso sɛ yɛanhwɛ bere a yɛsɛe wɔ ho no yiye a, ebetumi asum yɛn afiri.—1 Kor. 7:29, 31.
3 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mesɛe bere pii de kenkan Intanɛt so nsɛm a ɛho nhia anaa mesɛe bere de ma ho mmuae? So metaa frɛ nkurɔfo wɔ telefon so ne wɔn ka nsɛm a ɛho nhia? (1 Tim. 5:13) So mikyinkyin Intanɛt so kwa anaa mehwɛ television so dwumadi biara kɛkɛ? So kɔmputa so agodie regye bere a mede sua Onyankopɔn Asɛm? Nneɛma a ɛte saa betumi asɛe yɛn nyamesom pa.—Mmeb. 12:11.
4. Nsakrae bɛn na aberantewaa bi yɛe, na dɛn ntia?
4 Fa Wo Bere Di Dwuma Nyansam: Mfiri taa gye yɛn bere ne yɛn adwene. Aberantewaa bi a na ɔsɛe bere pii de di kɔmputa so agoru gye toom sɛ: “Sɛ midi kɔmputa so agoru ansa na makɔ asɛnka anaa Kristofo nhyiam a, ɛyɛ den paa sɛ mede m’adwene besi nhyiam no anaa asɛnka no so. Bere nyinaa midwen ɔkwan a mɛfa so adi agoru no yiye bere a mapɔn kɔ fie no ho. Na mintumi nyɛ me kokoam adesua ne me Bible akenkan sɛnea ɛsɛ. Anigye a mede som Onyankopɔn no fii ase brɛɛ ase.” Esiane sɛ ohui sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae nti, oyii agoru no nyinaa fii ne kɔmputa no so. Ɔka sɛ: “Na ɛnyɛ mmerɛw koraa. Na agodie no agye m’adwene sen sɛnea misusuwii no. Nanso, metee nka sɛ madi nkonim kɛse bi efisɛ minim sɛ me yiyedi nti na meyɛe.”—Mat. 5:29, 30.
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya bere de ayɛ ɔsom mu nneɛma, na sɛ yɛyɛ saa a, mfaso bɛn na yebenya afi mu?
5 Sɛ nsakrae bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ a, ebehia sɛ woyɛ. So wubetumi anya simma 30 afi nneɛma a ɛho nhia a woyɛ no mu da biara? Sɛ woka ne nyinaa bom a, ɛno ne bere a wuhia na wode akenkan Bible no nyinaa awie wɔ afe biako mu. Wubenya so mfaso kɛse wɔ wo som mu. (Dw. 19:7-11; 119:97-100) Fa bere pɔtee bi si hɔ fa kenkan Bible no na siesie wo ho ma asafo nhyiam ne asɛnka. (1 Kor. 15:58) Sɛ woyɛ eyinom a, worenyɛ nneɛma a ɛsɛe bere na ɛbɛboa wo ma ‘woahu ade a Yehowa pɛ no yiye.’—Efe. 5:17.