Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/96 kr. 1
  • Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere A Yebenya Ama Akenkan Ne Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Hwɛ Sɛnea Wode Wo Bere Di Dwuma no Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Hwɛ Wo Bere So Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 10/96 kr. 1

Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata

1 Yenni adagyew esiane sɛ yɛwɔ pii yɛ wɔ Yehowa som adwuma mu nti! (1 Kor. 15:58) Yehu sɛnea ehia sɛ yesua ade sɛ ankorankoro ne sɛ abusua, yɛkenkan Bible no da biara da, siesie yɛn ho na yɛkɔ asafo nhyiam horow, na yɛyɛ asɛnka adwuma daa. Ahwɛfo wɔ nguanhwɛ ho asɛyɛde ahorow, na wɔhwɛ asafo dwumadi so. Ebinom wɔ abusua mu asɛyɛde a emu yɛ duru anaa nneɛma a egu ahorow a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma afoforo. Ehia sɛ obiara kari pɛ na ɔyɛ n’ankasa nnwuma ho nhyehyɛe pa, na wɔatumi ayɛ biribiara yiye.

2 Fa Nneɛma a Ɛho Hia Di Kan: Nkonim a yebedi wɔ ‘bere a ɛfata a yɛbɛtɔ mu no’ gyina yɛn nhumu ne yɛn atɛmpa so. (Efe. 5:15, 16, NW) Ɛsɛ sɛ yehu “nneɛma a eye koraa no” na yɛma edi kan wɔ nneɛma a ehia yɛn no mu. (Fil. 1:10) Awarefo bi kaa wɔn teokrase abusua no ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Nokware no agye yɛn asetra nyinaa . . . Nokware no nyɛ yɛn asetra fã, ɛyɛ yɛn asetra. Ɛno na biribiara a aka gyina so.” Yehowa som ne ne som adwuma a yɛde bedi kan wɔ yɛn asetram no ho hia.

3 Hu Nneɛma a Ɛsɛe Bere No: Nnɔnhwerew 168 na ɛwɔ dapɛn biako mu, na ehia sɛ yɛde bere a yɛwɔ no di dwuma nyansam. Sɛ yebenya bere a ɛsɛ ama teokrase dwumadi ahorow a, ehia sɛ yehu na yɛtew nneɛma a ɛsɛe bere no so. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, obi a n’ani afi wɔ United States biara de bɛboro nnɔnhwerew 30 hwɛ TV dapɛn biara! Wɔ afoforo fam no, wɔsɛe bere pii de kenkan wiase nhoma horow. Ebia ebinom behu sɛ wɔsɛe bere pii dodo wɔ asetram dwumadi ahorow, anigyede, ahomegye, anaa kɔmputa dwumadi bi ho. Ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ yɛn da biara da dwumadi mu nhwehwɛmu yiye, de hwɛ sɛnea yebetumi de yɛn bere adi dwuma wɔ ɔkwan pa so. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛto adagyew a yenya ma dwumadi ahorow a ɛho nhia no ano hye.

4 Yɛ Bere Nhyehyɛe Pa: Sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, yɛn mu biara betumi atɔ bere a ɛfata ama honhom fam dwumadi ahorow. Ebinom ahu sɛ sɛ wɔsɔre ntɛm kakra da biara a, ɛboa wɔn ma wɔyɛ pii. Sɛ yɛde bere pii na etwa kwan kɔ adwuma ba, anaa yɛde twɛn afoforo a, yebetumi de saa bere no bi akenkan Bible, asiesie yɛn ho ama nhyiam horow, anaa yɛatie nsɛm a Asafo ti akyere agu kasɛt so no. Sɛ mmusua de bere pɔtee bi si hɔ a daa wɔde bom sua ade a, wonya mu mfaso kɛse. Sɛ abusua muni biara ba abusua adesua ase ntɛm a, ɛnsɛe obiara bere.

5 Ɛsɛ sɛ da biara da, yɛn ani ba yɛn ho so kɛse sɛ ‘bere a aka no sua.’ (1 Kor. 7:29) Yɛn nkwa gyina sɛnea yɛde yɛn bere a aka a ɛsom bo no bedi dwuma no so. Sɛ yɛtɔ bere a ɛfata na ama yɛde Ahenni nneɛma adi kan a, yebenya nhyira!—Mat. 6:33.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena