Hwɛ Wo Bere So Yiye
1 Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani nti yɛma honhom mu nneɛma di kan wɔ yɛn abrabɔ mu. N’asɛm kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan’ na afei ‘yɛmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Mat. 6:33; Filip. 1:10) Yɛbɛyɛ dɛn atɔ bere de ayɛ Ahenni adwuma a yɛremma dwumadi afoforo a ɛho nhia pii no mmedi ɛno kan?—Efe. 5:15-17.
2 Fa Ahenni Dwumadi Di Kan: Hyehyɛ wo bere yiye na woansɛe bere no nyinaa wɔ nneɛma a ɛho nhia ho. Nea anuanom binom yɛ ne sɛ, bosome biara ahyɛase no, wɔhwɛ kalenda so yi bere pɔtee a wɔde bɛkɔ asɛnka to hɔ. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma biribi foforo biara mmmɛsɛe wɔn nhyehyɛe no. Yɛn nso yebetumi afa saa kwan no so atɔ bere ama asafo nhyiam, yɛn ankasa adesua, ne nhyiam akɛse. Anuanom pii de Bible akenkan fi wɔn da biara da nhyehyɛe ase anaasɛ wɔde wie. Hyehyɛ bere pɔtee to hɔ ma dwumadi a ehia biara a woremma nneɛma foforo ntwitware mu.—Ɔsɛn. 3:1; 1 Kor. 14:40.
3 Nni Wiase Nkosi Ase: Wɔ aman bi so no, agodie, anigyede, nea nnipa yɛ de gye wɔn ahome, ne dwumadi afoforo abu so. Nkurɔfo bebree sɛe bere pii hwɛ television anaa wɔ kɔmputa so dwumadi ho. Nanso sɛ yɛma kwan ma anigyede ne mfiri a aba so wɔ wiase mu no gye yɛn bere nyinaa a, ebedi yɛn huammɔ. (1 Yoh. 2:15-17) Ɛno nti Bible no tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma wiase nneɛma no gye yɛn adwene. (1 Kor. 7:31) Sɛ wudi saa afotu pa no so a, wobɛma Yehowa ahu sɛ wode ne som di kan wɔ w’abrabɔ mu.—Mat. 6:19-21.
4 Wiase yi bere a aka no reba awiei ara ni. Nnipa a wɔde Ahenni no di kan no ani begye na wɔanya Onyankopɔn anim dom. (Mmeb. 8:32-35; Yak. 1:25) Enti momma yɛn nyinaa nhwɛ yɛn bere a ɛsom bo yi so yiye.