Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/04 kr. 8
  • Nya Yesu Adwene no Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Yesu Adwene no Bi
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monna Kristo Adwene Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Suasua Yesu Na Boa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Kristo Dɔ Ka Yɛn Ma Yɛdɔ Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 4/04 kr. 8

Nya Yesu Adwene no Bi

1. Adwene bɛn na Yesu daa no adi?

1 Ɛwom sɛ yenhuu Onyankopɔn Ba Yesu da de, nanso yɛnam n’asetra ne ne som adwuma ho kyerɛwtohɔ no so anya ɔdɔ ama no ankasa. (1 Pet. 1:8) Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ N’agya apɛde nti, ogyaw ne soro dibea a ɛkorɔn no too hɔ baa asase so. Sɛ́ onipa no, ɔsom afoforo na afei ɔde ne nkwa too hɔ maa adesamma. (Mat. 20:28) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua n’ahofama no?—Fil. 2:5-8.

2. Asɛnnennen bɛn na Kristofo pii hyia, na dɛn na ebetumi aboa wɔn ma wɔadi ho dwuma?

2 Bere a Yɛte Nka sɛ Yɛabrɛ: Ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso ɔbrɛe. Da bi, ɛwom sɛ na ‘wabrɛ n’akwantu mu’ mu de, nanso odii Samariani bea bi adanse fefeefe. (Yoh. 4:6) Ɛnnɛ, Kristofo pii hyia nsɛnnennen a ɛte saa ara. Bere a adwuma a yɛayɛ wɔ dapɛn no mu nyinaa ama yɛabrɛ no, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya ahoɔden de ayɛ asɛnka adwuma no bi. Nanso, sɛ yɛkɔ asɛnka daa a, yebehu sɛ Kristofo som adwuma no ma yɛn honhom fam ahoɔden.—Yoh. 4:32-34.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua ɔpɛ a na Yesu wɔ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo no?

3 Bere foforo nso Yesu ne n’asuafo no siim sɛ wɔrekɔ baabi akɔhome kakra. Nanso, nnipadɔm bi huu wɔn na wotuu mmirika dii wɔn anim kɔɔ hɔ sɛ wɔrekohyia wɔn. Sɛ anka ɛbɛhaw Yesu no, “wɔyɛɛ no mmɔbɔ,” na ‘ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.’ (Marko 6:30-34) Bible adesua a yebefi ase na yɛatoa so ayɛ no hwehwɛ sɛ yenya su a ɛte saa ara. Ɛhwehwɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden na yenya ɔdɔ ankasa ma nnipa. Sɛ mprempren wonyɛ Bible adesua a, kɔ so bɔ mmɔden sɛ wubenya bi.

4. Ɔkwan bɛn so na akwampaefo aboafo adwuma no betumi aboa yɛn ma yɛanya Kristo adwene?

4 Fa Honhom Mu Nneɛma Di Kan: Akwampaefo aboafo adwuma no betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi honhom fam dwumadi so kɛse. Onuawa kumaa bi kyerɛwee sɛ: “M’adamfo bi maame hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛne no nyɛ akwampaefo aboafo adwuma ɔsram biako. Ɛyɛ m’anigye ankasa sɛ yɛne no yɛe. Ɛma mitumi huu anuanom mmarima ne mmea yiye, na ankyɛ na mene wɔn bɔe sɛ abusuafo. Minyaa hokwan pii de kaa Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo na mede Ahenni ho nokware a ɛyɛ anigye no kyerɛkyerɛɛ wɔn. Eyi nyinaa ma metee nka sɛ mabɛn Yehowa ne n’ahyehyɛde no kɛse.”—Dw. 34:8.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yebenya Yesu adwene no bi?

5 Yɛn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛko atia yɛn sintɔ na yɛasɔ Yehowa ani. (Rom. 7:21-23) Ɛnsɛ sɛ yenya wiase no anibiannaso su no bi. (Mat. 16:22, 23) Yehowa nam ne honhom kronkron no so betumi aboa yɛn ma yɛatumi ayɛ eyi. (Gal. 5:16, 17) Bere a yɛtwɛn sɛ wobegye yɛn akɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no, momma yennya Yesu adwene no bi denam Ahenni nneɛma ne afoforo ho a yebesusuw a yɛde bedi kan no so.—Mat. 6:33; Rom. 15:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena