Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/04 kr. 1
  • Yehowa Boa Wɔn a Wɔde Wɔn Ho To No So No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Boa Wɔn a Wɔde Wɔn Ho To No So No
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso Ho Hia Ma Asetra a Anigye Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wubetumi Agye Anuanom Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Hyɛ Yehowa Mu Ahotoso a Wowɔ no Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Momma Yɛmfa Yɛn Ho Nto Yehowa So Bere A Awiei No Rebɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 6/04 kr. 1

Yehowa Boa Wɔn a Wɔde Wɔn Ho To No So No

1 Nnipa pii bu sika, tumi, ne ɔdom akyɛde a wɔwɔ sɛ nneɛma atitiriw a ɛbɛma wɔadi yiye. (Dw. 12:4; 33:16, 17; 49:6) Nanso, Bible ma wɔn a wosuro Yehowa na wɔde wɔn ho to no so no awerɛhyem sɛ ɔyɛ ‘wɔn boafo ne wɔn kyɛm.’ (Dw. 115:11) Momma yensusuw nneɛma abien a ehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so wom no ho.

2 Sɛ́ Kristofo Asomfo: Bere biara a yɛyɛ yɛn dwumadi wɔ asafo no mu anaa yɛkyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Nyankopɔn no so. Susuw Yesu nhwɛso no ho. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn Ba de, nanso wamfa ne ho anto n’ankasa nyansa anaa ne dom akyɛde so, na mmom ɔde ne ho too ne soro Agya no so koraa. (Yoh. 12:49; 14:10) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa kɛse mpo! (Mmeb. 3:5-7) Yehowa mmoa nkutoo na ebetumi ama mmɔden kakra a yɛbɔ no ahyɛ no anuonyam na ama afoforo anya so mfaso.—Dw. 127:1, 2.

3 Yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so denam mpae a yɛbɔ de srɛ n’akwankyerɛ ne ne honhom kronkron mmoa no so. (Dw. 105:4; Luka 11:13) Afei nso, yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so denam yɛn nkyerɛkyerɛ a yɛde gyina N’asɛm Bible so no so. Asɛm a ɛwom no wɔ tumi a ɛka nkurɔfo koma na ɛsakra wɔn asetra. (Heb. 4:12) Sɛ ‘yɛsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma’ no a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam.—1 Pet. 4:11.

4 Nsɛnnennen Ho Dwuma a Yedi: Ehia nso sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi Yehowa hɔ bere a yehyia nhyɛso ne nsɛnnennen no. (Dw. 46:1) Sɛ nhwɛso no, ebia yɛn adwumawura rempɛ sɛ ɔbɛma yɛn kwan ma yɛakɔ ɔmansin nhyiam anaa ebia yebehyia asɛnnennen bi wɔ abusua no mu. Yɛda ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no adi denam yɛn komam a yefi bɔ no mpae na yɛde akwankyerɛ a ɔnam N’asɛm ne n’ahyehyɛde so de ama no di dwuma no so. (Dw. 62:8; 119:143, 173) Bere a Yehowa asomfo yɛ saa no, wohu sɛ ɔboa wɔn wɔ wɔn asetra mu.—Dw. 37:5; 118:13, 16.

5 Yehowa ankasa hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa, NW] so, na [Yehowa, NW] yɛ n’anidaso!” (Yer. 17:7) Momma yɛnna ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu adi wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu!—Dw. 146:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena