Suasua Yehowa Atɛntrenee
1 “[Yehowa, NW] dɔ atemmu.” (Dw. 37:28) Ɛno nti, ɛwom sɛ wahyɛ sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi de, nanso wayɛ nhyehyɛe sɛ wonni kan mmɔ kɔkɔ ansa. (Mar. 13:10) Eyi ma nnipa nya hokwan a wɔde bɛsakra wɔn abrabɔ na wɔanya nkwa. (2 Pet. 3:9) Yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yehowa atɛntrenee no bi anaa? Ahohia ne amanehunu a adesamma wom no ka yɛn ma yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ afoforo? (Mmeb. 3:27) Sɛ yɛdɔ atɛntrenee a, ɛno bɛka yɛn ma yɛaka asɛmpa no daa.
2 Ka Asɛmpa no Kyerɛ Obiara: Sɛ yɛanyɛ nyiyim, na yɛka Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm kyerɛ obiara a, na yɛreyɛ “adetrenee.” (Mika 6:8) Ɛsɛ sɛ yɛko tia su a esiane sintɔ nti, ɛma yɛhwɛ afoforo anim bu wɔn atɛn no. (Yak. 2:1-4, 9) Yehowa ‘pɛ sɛ ogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Tim. 2:4) Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ nokware betumi asakra nnipa abrabɔ ma ayɛ nwonwa. (Heb. 4:12) Sɛ yehu saa nokwasɛm yi a, ɛbɛma yɛde ahotoso akɔ nkurɔfo a bere bi na wɔmpɛ asɛm no mpo nkyɛn.
3 Onuawa bi a ɔyɛ adwuma wɔ sotɔɔ bi mu huu owura bi a ɔtaa bɛtɔ ade wɔ hɔ. Sɛnea na owura no ho te no bɔɔ onuawa no hu kakra, nanso bere a onyaa hokwan no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Paradise a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho asɛm akyerɛ no. Owura no kaa no pen sɛ ɔnnye anansesɛm biara nni na ɔka asɔretiafo a wɔnom nnubɔne no ho. Nanso onuawa no ampa abaw. Da koro bi de obisaa onuawa no adwene wɔ ne tiri nhwi kuhaa no ho. Onuawa no de anifere kyerɛɛ no nea Bible ka wɔ asɛm no ho. (1 Kor. 11:14) Ade kyee no, ɛyɛɛ onuawa no nwonwa na n’ani gyei bere a ohui sɛ owura no akoyi n’abogyesɛ no atwitwa ne ti a afuw kuhaa no so no! Ɔkae sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua, na onua bi de anigye yɛe maa onyaa nkɔso koduu sɛ ohyiraa ne ho so bɔɔ asu. Nnipa pii a wɔte sɛ ɔbarima yi a wɔresom Yehowa nnɛ no ani sɔ mmɔden a anuanom bɔe a wɔampa abaw na wɔde Ahenni nkrasɛm no brɛɛ wɔn a wɔanyɛ nyiyim no.
4 Ɛrenkyɛ Yehowa betu amumɔyɛfo ase afi asase so. (2 Pet. 3:10, 13) Bere tiawa a aka yi mu no, momma yensua Yehowa atɛntrenee denam boa a yɛbɛboa nnipa nyinaa ma wɔakwati Satan wiase bɔne yi sɛe a ɛreba no so.—1 Yoh. 2:17.