Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/04 kr. 4
  • Fa Bible no Di Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Bible no Di Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Worewie Wo Som Adwuma no Koraa?
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Ɔfã 3—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwampa So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 9/04 kr. 4

Fa Bible no Di Dwuma Yiye

1. Ahosiesie bɛn na wubetumi ayɛ ama asɛnka adwuma no?

1 Wɔ asɛnka mu no, mfaso wɔ so sɛ yɛpaw kyerɛw nsɛm bi a ɛkanyan adwene na yɛkenkan kyerɛ wɔn a wobetie, a nhoma a yɛpɛ sɛ yɛde ma mfa ho. (Heb. 4:12) Kyerɛwnsɛm a yɛbɛpaw afi nhoma a yɛde rema mu no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ yɛde nhoma no bɛtoa so ama onii no. Wɔ mmeae bi no, adawurubɔfo ahu sɛ eye sɛ wokura Bible no wɔ wɔn nsam bere a wɔrekɔ obi nkyɛn anaa bere a wɔreyɛ afie-afie asɛnka no.

2. (a) Yɛbɛyɛ dɛn de kyerɛwsɛm afi yɛn nkɔmmɔbɔ ase? (b) Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛn na nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu no ani begye ho?

2 Fa Kyerɛwsɛm Fi Ase: Adawurubɔfo binom fi wɔn asɛm no ase denam ofiewura no a wobisa n’adwene tiawa wɔ Bible mu asɛm bi ho, na afei wɔtoa so kenkan kyerɛwsɛm no so. Eyi ma wɔtwe adwene si Onyankopɔn Asɛm so ntɛm. So nnianim nsɛm yi bi bɛfata ama mo asasesin no?

◼ “Sɛ wowɔ tumi a wode bɛma nsakrae yi aba a, anka wobɛyɛ?” Kenkan Adiyisɛm 21:4.

◼ “Dɛn nti na yɛte mmere a emu yɛ den saa mu?” Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.

◼ “Wususuw sɛ sɛ obiara tie afotu yi a, anka yɛn man yi mu asetra bɛyɛ papa?” Kenkan Mateo 7:12.

◼ “Wususuw sɛ wo mma betumi anya asetra a wɔaka ho asɛm wɔ ha yi bi?” Kenkan Dwom 37:10, 11.

◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a nsɛm yi bɛba mu?” Kenkan Yesaia 33:24.

◼ “Wunim nniso mu nsakrae a wɔka ho asɛm wɔ ha yi ho nsɛm?” Kenkan Daniel 2:44.

◼ “Woasusuw ho pɛn sɛ wubebisa Onyankopɔn asɛm yi?” Kenkan Hiob 21:7.

◼ “Yebetumi ahu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio?” Kenkan Yohane 5:28, 29.

◼ “So awufo nim nea ateasefo reyɛ?” Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5.

3. Yɛbɛyɛ dɛn aboa nnipa ama wɔate Bible mu nsɛm a yɛkenkan kyerɛ wɔn no ase?

3 Kyerɛkyerɛ mu, Ma Mfatoho, Fa Di Dwuma: Sɛ obi wɔ ɔpɛ sɛ woka asɛm no kyerɛ no a, mpere wo ho ne no nsusuw nsɛm ho. Ɛyɛ a nya adagyew kyerɛkyerɛ mu, ma mfatoho, na kyerɛ no sɛnea kyerɛwsɛm a woakenkan no fa asɛm no ho sɛnea ɛbɛyɛ a onipa no bɛte ase. (Neh. 8:8) Sɛ nnipa nya Onyankopɔn Asɛm mu nkyerɛkyerɛ ho ntease na wogye tom a, etumi ma wɔyɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn asetram.—1 Tes. 2:13.

4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Bible no adi dwuma yiye bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ no?

4 Kɔ so fa Bible no di dwuma yiye bere a woreboa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no. Wubetumi afa saa kwan yi ara so bere a woreyɛ sankɔhwɛ no: (1) Paw kyerɛwsɛm a ɛfata. (2) Bisa kyerɛwsɛm no ho asɛm tiawa bi a ɛbɛma wakyerɛ n’adwene. Afei kenkan kyerɛwsɛm no. (3) Kyerɛkyerɛ mu, ma mfatoho na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Bere biara a wobɛkɔ hɔ no, bɔ mmɔden sɛ wobɛto Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a onipa no wɔ so. W’ani bɛba wo ho so no, na woreyɛ Bible adesua!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena