Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/01 kr. 1
  • So Worewie Wo Som Adwuma no Koraa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Worewie Wo Som Adwuma no Koraa?
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Fa Nsɛmma Nhoma a Edi Nokware no ho Adanse Ma
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Siesie W’ankasa Nsɛm a Wobɛka De Nsɛmma Nhoma Ama
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛde Nhoma Ma ho Nhwɛso a Yɛde Bedi Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 9/01 kr. 1

So Worewie Wo Som Adwuma no Koraa?

1 Wɔka kyerɛ yɛn wɔ Asomafo no Nnwuma no mu sɛ Yesu asuafo no wiee wɔn som adwuma no denam nnipa no a ‘wodii wɔn adanse fefeefe’ no so. (Aso. 2:40; 8:25; 28:23) Ɛda adi sɛ na ɛno ne ɔsomafo Paulo botae. (Aso. 20:24) So ɛnyɛ ɛno ne wo botae sɛ asɛmpa no somfo? Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

2 Siesie Asɛm a Wobɛka Akyerɛ No: Nea ɛbɛyɛ na woadi adanse a etu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu no, ahosiesie ho hia. Eyi te saa titiriw bere a wode nsɛmma nhoma rema no, efisɛ wɔsesa nsɛm a wɔka wom no bere nyinaa. Yɛn Ahenni Som yi reda biribi foforo a ɛbɛboa asiesie yɛn yiye adi—ɛwɔ benkum so, faako a wɔakyerɛ nsɛm a yebetumi aka de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a aba foforo ama no. Wɔbɛtwe adwene asi asɛm bi a ɛyɛ ne bere mu de a nnipa pii ani begye ho so wɔ nea ɛbɛba biara mu. Ɔkwan bɛn so na wubetumi asiesie nsɛm ntiantiaa a wɔka kyerɛ yi?

3 Paw nyansahyɛ biako a wote nka sɛ ebetu mpɔn paa wɔ mo asasesin no mu. Afei tɔ wo bo ase kenkan nsɛmma nhoma no mu asɛm no, na hyɛ nsɛm pɔtee a ebetumi akanyan anigye no nsow. Hwehwɛ nsɛmma nhoma no mu kyerɛwsɛm bi a ɛne asɛm a mubesusuw ho no hyia a wubetumi akenkan akyerɛ ofiewura no. Ka asɛntiaa bi a ɛbɛhyɛ otiefo no nkuran ma wakenkan nsɛmma nhoma no fa wie, na sɛ ɛfata a, ka no tiawa sɛ ofiewura no betumi ayi ntoboa wɔ Yehowa Adansefo adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no ho. Afei, yɛ sɛnea wobɛka akyerɛ no hwɛ.

4 Yɛ Nhyehyɛe Fa Bible Di Dwuma: Sɛ woyɛ nhyehyɛe pa a, mpɛn pii no wubetumi de kyerɛwsɛm bi abɛhyɛ asɛm a woka kyerɛ no mu. Sɛ nhwɛso no, adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ mmeae pii no tumi kura Bible no kɔ afie afie kyia ofiewura no na wɔka sɛ:

◼ “Yɛrebisa nkurɔfo sɛ ebia wogye eyi di anaa . . . Kenkan Genesis 1:1, na afei bisa sɛ: “Wugye saa asɛm yi tom?” Sɛ ogye tom a, afei ka sɛ: “Me nso migye tom. Nanso, wususuw sɛ, sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa a, so ɔno nso na ɔma wodi nsɛmmɔne?” Bere a woatie onipa no mmuae awie no, kenkan Ɔsɛnkafo 7:29. Bue Nimdeɛ nhoma no kratafa 71, na kenkan nkyekyem 2. Hyɛ onipa no nkuran sɛ ɔnkenkan nhoma no. Sɛ ofiewura no nnye asɛm a ɛwɔ Genesis 1:1 ntom a, hyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan Creation nhoma no.

5 San Kɔ Anigyefo Nyinaa Nkyɛn: Sɛ woansan ankɔ anigyefo a wunyaa wɔn no nyinaa nkyɛn a, wuntumi nwie wo som adwuma no koraa. Sɛ wutumi ne obi bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye na woma no nsɛmma nhoma anaa nhoma foforo bi anaasɛ woamma no hwee mpo a, kyerɛw onipa no din ne n’address to hɔ. Bɔ mmɔden di anigye a onipa no anya ho dwuma denam ne nkyɛn a wobɛsan akɔ ntɛm ara no so. Ɛsɛ sɛ woka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no.

6 Na afeha a edi kan no mu asuafo no nim sɛ Yesu ahyɛ wɔn sɛ ‘wonni adanse fefeefe.’ (Aso. 10:42) Ɔde saa ahyɛde koro no ara ama yɛn, efisɛ ɛno ne ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so ayɛ asuafo. (Mat. 28:19, 20) Momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa nwie yɛn som adwuma no koraa.—2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena