Ɔmantam Nhyiam Kanyan Yɛn ma Yɛne Onyankopɔn Nantew
Hwɛ sɛnea “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam no sii Yehowa akwankyerɛ a emu da hɔ no so dua: “Eyi ne kwan no, . . . monnantew so”! (Yes. 30:21) Sɛ yɛde nkyerɛkyerɛ a yenyae no di dwuma a, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛahwɛ yɛn nantew so yiye.’ (Efe. 5:15) Nea yɛasua no a yɛbɛdwennwen ho no bɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so anantew nokware no mu.’—3 Yoh. 3.
Fa nsɛmmisa a edidi so yi ne wo ara wo kyerɛwtohɔ a woyɛe siesie wo ho na fa wo ho hyɛ afe yi ɔmantam nhyiam dwumadi mu ntĩmu a yɛbɛyɛ no mu. Yɛbɛyɛ ntĩmu no wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ March 7 dapɛn no mu.
1. Ɔkwan bɛn so na Henok tumi ne Onyankopɔn nantewee ɛmfa ho sɛ na ɔte basabasayɛ bere mu no? (Heb. 11:1, 5, 6; Yuda 14, 15; “Wo Ne Onyankopɔn Nnantew wɔ Basabasayɛ Bere Mu”)
2. Asetram afã horow bɛn na yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Luka 16:10 no adi dwuma? (“So Wudi ‘Ade Ketewaa Mu Nokware’?”)
3. (a) Bobɔ nneɛma anan a mfaso wɔ so a yehu wɔ Hosea ti 6 kosi 9 a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anantew no din. (Hos. 6:6, 7; 7:14; 8:7) (b) Nsɛm afoforo bɛn na ɛwɔ Hosea ti 10 kosi 14 a ɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn nantew? (“Hosea Nkɔmhyɛ no Boa Yɛn Ma Yɛne Onyankopɔn Nantew”—Ɔkasa a Wɔakyekyɛm)
4. Nneɛma a mfaso wɔ so bɛn na okununom ne ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo betumi ayɛ na ama wɔn aware asɔ? (Mmeb. 12:4; Efe. 5:29; “Ntetew ‘Nea Onyankopɔn De Abom No’ Mu”)
5. Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ obu ma yɛn nhyiam horow a ɛyɛ kronkron no? (Ɔsɛnk. 5:1; Yes. 66:23; “Obu a Yɛbɛkyerɛ Ama Nhyiam Ahorow a Ɛyɛ Kronkron No”)
6. (a) Yɛn asɛnka adwuma no afã abiɛsa a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu yiye de hu sɛ yɛreyɛ no sɛnea ɛfata? (Yes. 52:7; Sak. 8:23; Mar. 6:34) (b) Good News for People of All Nations (Asɛmpa Ma Nnipa a Wofi Amanaman Nyinaa Mu) nhomawa no afã bɛn na wuhu sɛ ɛbɛboa wo paa? (“Asɛmpa Ma Nnipa a Wofi Amanaman Nyinaa Mu”; “Wɔn a Ɛsono Wɔn Kasa a Yɛbɛboa Wɔn”)
7. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔyɛ foforo no ma wɔde ahotoso aka Ahenni nkrasɛm no? (Atem. 7:17; “Nnipa Pii a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔabɛka Yɛn Ho Wɔ Asɛmpaka Adwuma no Mu”)
8. Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ ‘Yehowa da kɛse no abɛn’? (Sef. 1:14; “Yɛnam Gyidi Mu, na Ɛnyɛ Ohu Mu”)
9. (a) Aniberesɛm bɛn na ɛwɔ hintiduato mu? (Mar. 9:42-48) (b) Yɛbɛyɛ dɛn na wɔantow yɛn hintidua? (Dw. 119:165) (d) Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanto ebinom hintidua? (1 Kor. 10:24; “Monkwati ‘Hintiduato Biara’”)
10. Yɛbɛyɛ dɛn akari pɛ bere a yɛrehwehwɛ obi aware, yɛrepɛ akwahosan pa ne bere a yɛreka adwuma ho nsɛm no? (Dw. 26:4; Mat. 6:25; 1 Tim. 6:9; ‘Momma Mo Ani Nna Hɔ Koraa’)
11. (a) Dɛn na yɛhyɛ no nsow wɔ mmere a nnipa binom daa ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ Yesu no mu? (Luka 10:42; 24:32) (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye yɛn ani wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛne afoforo anya ahomeka so? (1Kor. 10:31-33; “Nnwuma Pa a Ɛma Yenya Abotɔyam”)
12. Sɛnea Dwom 23 kyerɛ no, mfaso bɛn na yenya fi Yehowa nguan a yɛyɛ no mu, na asɛyɛde bɛn na yɛwɔ? (1 Kor. 10:21; “Yehowa Ne Yɛn Hwɛfo”)
13. Kristofo bu afotu a efi honhom mu a ese ‘yɛnhwɛ yɛn adagyew so yiye’ no dɛn? (Efe. 5:16; “Monhwɛ Mo Adagyew so Yiye”)
14. (a) Dɛn na ‘atemmu dɔn’ a wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm 14:7 no kyerɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛatwe yɛn ho afi Babilon Kɛse no ho ampa? (“‘Monkɔ So Nwɛn’—Atemmu Dɔn Adu”) (d) Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no mu nsɛm bɛn na w’ani agye ho?
15. Bobɔ su abiɛsa a yehia na ‘yɛannyaw ɔkwan trenee’ no din. (2 Pet. 2:15; “Hwɛ Yiye Na ‘Woannyaw Ɔkwan Trenee’ No”)
16. Mmabun bɛyɛ dɛn atumi akwati “abɔnefo kwan”? (Mmeb. 4:14; “Mmabun—Monnantew Trenee Kwan So”)
17. (a) Akwan bɛn so na na Paulo yɛ boasetɔ ho nhwɛsofo a ɔkyɛn so? (Aso. 14:19, 20; 16:25-33) (b) Dɛn nti na enhia sɛ yesuro nokware som ho atamfo? (Drama ne ɛho kasa “Wodi Adanse Fefeefe Nnɛ Ɛmfa Ho Ɔsɔretia”)
18. Nhyira bɛn na wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no nya? (“Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa”)
Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yebetie ‘yɛn akyi asɛm’ no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne yɛn soro Agya bɛnantew daa.—Yes. 30:21; Yoh. 3:36.