Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/05 kr. 3
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ɔmansin Nhyiam Ntimu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 12/05 kr. 3

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Wɔ wiase dedaw a aporɔw yi nna a edi akyiri mu no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam atade so yiye na yɛbɔ yɛn Kristofo nipasu ho ban. (Adi. 16:15) Ɛno nti, ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no asɛmti “Monhyɛ Nipasu Foforo” no fata.—Kol. 3:10.

Da a Edi Kan: Ɔkasa a wɔakyekyɛm a edi kan, “Da Nipasu Foforo no Afã Nyinaa Adi” besi mfaso a yenya fi nipasu foforo no a yɛda no adi wɔ yɛn asetra afã nyinaa mu no so dua. Yɛyɛ dɛn nya nipasu foforo no? Yebesusuw eyi ho wɔ ɔkasa abien a etwa to wɔ da a edi kan no mu a ɛne “Teɛ Wo Ho So Fa Dwennwen Nneɛma Ho Yiye” ne “Ntetee a Ɛnwene Nipasu Foforo No.”

Da a Ɛto So Abien: Yebesusuw ɔkwan a nipasu foforo no nya sɛnea yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma so nkɛntɛnso ho wɔ ɔkasa a wɔakyekyɛm a ɛto so abien a ɛne “Nya Anyansafo Tɛkrɛma” no mu. Baguam ɔkasa a asɛmti ne, “So Woredi Ɔbɔnefo no So Nkonim?” no besi hia a ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ Satan nnɛɛdɛɛ ho so dua. Ɔkasa abien a etwa to wɔ ɔmansin nhyiam no mu a ɛne “Twe Wo Ho Fi Wiase Nkekae Ho” ne “Sɛnea Yɛte Wɔ Yɛn Mu no Yɛ Ne Ho Foforo Daa” no bɛboa yɛn ma yɛapo su ne nneyɛe a ɛne Onyankopɔn trenee gyinapɛn nhyia no na yɛakɔ so agyina pintinn wɔ Yehowa som mu.

Hwɛ sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka nkuranhyɛsɛm yi a ɛbɛma yɛahyɛ nipasu foforo no na yɛahwɛ so yiye no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena