Ɔmansin Nhyiam Ntimu
Nsɛm yi na yebesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi ase ansa na yɛakɔ ɔmansin nhyiam a wɔbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no. Ɛno ara nso na yɛde bɛyɛ ntimu no. Ɔhwɛfo guamtrani no bɛyɛ nhyehyɛe ma moadi kan asusuw ho ansa na moakɔ nhyiam no na sɛ mufi nhyiam no ba nso a moasusuw ho sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no. Sɛ moreyɛ ntĩmu no a, ɛsɛ sɛ wobisa nsɛm no nyinaa. Twe adwene si sɛnea yebetumi de nsɛm a yɛtee no adi dwuma so.
DA A EDI KAN
1. Ɔkwan bɛn so na yɛhyɛ nipasu foforo no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ so yiye?
2. Ɔkwan bɛn so na ebinom atumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu?
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo ho?
4. Ɔkwan bɛn so na abusua mufo betumi ada nipasu foforo no adi wɔ abusua no mu?
5. Yɛbɛyɛ dɛn de nokwaredi aboa wɔ asafo no mu?
6. Dɛn nti na ehia sɛ yɛda nipasu foforo no adi wɔ asɛnka adwuma no mu?
7. Nsɛm a ɛfata a yebetumi asusuw ho no bi ne dɛn, na yɛyɛ dɛn nya nsusuwho a ɛte saa no so mfaso?
8. Su bɛn na ɛbɛboa ama Yehowa anwene yɛn?
DA A ƐTO SO ABIEN
9. Dɛn nti na ehia sɛ yɛde yɛn tɛkrɛma di dwuma yiye?
10. Sɛ yɛka kasa pa kyerɛ yɛn mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne afoforo a, mfaso bɛn na yenya?
11. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 4:25-32 no adi dwuma bere a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo redi nsɛm no?
12. Dɛn ne adwuma a nidi wom paa a yɛde yɛn tɛkrɛma yɛ?
13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi adi ɔbɔnefo no so nkonim?
14. Nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ wiase nkekae no nka yɛn?
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no foforo daa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
16. Afe yi ɔmansin nhyiam dwumadi no mu afotu bɛn na woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma?