Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Nti̇̃mu
Nsɛm yi a yebesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi mu no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛbɛkɔ so wɔ da koro nhyiam titiriw a wɔbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no ase. Ɛno ara nso na yɛde bɛyɛ ntimu no. Ɔhwɛfo guamtrani no bɛyɛ nhyehyɛe ma moadi kan asusuw ho ansa na moakɔ nhyiam no na sɛ mufi nhyiam no ba nso a moasusuw ho sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no. Sɛ moreyɛ ntĩmu no a, ɛsɛ sɛ wobisa nsɛm no nyinaa. Twe adwene si sɛnea yebetumi de nsɛm a yɛtee no adi dwuma so.
ANƆPA DWUMADI
1. Sɛ́ obi bɛma n’ani ahwɛ tee no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na ɛyɛ asɛnnennen nnɛ? (“Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma W’aniwa Hwɛ Tee?”)
2. Sɛ yɛma yɛn aniwa hwɛ tee a, mfaso bɛn na yenya? (“Nya W’aniwa a Wobɛma Ahwɛ Tee no So Mfaso”)
3. Asiane bɛn na ɛwɔ nneɛma a wɔyɛ no daa a wosusuw sɛ mfomso biara nni ho no mu? (“Aniwa a Yɛbɛma Ahwɛ Tee Wɔ Wiase Bɔne Mu”)
AWIA DWUMADI
4. Ɔkwan bɛn so na awofo ne afoforo betumi ahyɛ mmabun nkuran ma wɔde wɔn ani asi honhom fam botae horow so? (“Awofo a Woso Wɔn Bɛmma Mu Yiye” ne “Mmabun a Wɔde Honhom Fam Botae Sisi Wɔn Ani So”)
5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan (a) sɛ ankorankoro? (b) sɛ mmusua? (d) sɛ asafo? (“Fa W’ani Si Yehowa Ahyehyɛde No a Wone No Bɛbɔ So”)