Wodi Adanse a Wɔnkasa
1 Yehowa abɔde a aniwa hu no ma yehu ne su horow a wonhu no pefee. (Dw. 19:1-3; Rom. 1:20) Saa ara na yɛn suban pa, Kristofo su, ne yɛn ahosiesie a ɛfata di adanse bere a yɛnkasa. (1 Pet. 2:12; 3:1-4) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe ‘bɛhyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
2 Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ama Bible nkyerɛkyerɛ atwetwe afoforo? Akwankyerɛ a Onyankopɔn Asɛm de ma, ne honhom kronkron no tumi nkutoo so na eyi betumi ayɛ yiye. (Dw. 119:105; 143:10) Onyankopɔn asɛm “wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara.” (Heb. 4:12) Ewurawura yɛn mu na ɛboa yɛn ma yɛhyɛ nipasu foforo no. (Kol. 3:9, 10) Honhom kronkron no ma yɛsow aba pa te sɛ ayamye, papayɛ, odwo, ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Sɛ́ ankorankoro no, so yɛrema Onyankopɔn asɛm ne ne honhom no kwan ma ayɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu?—Efe. 4:30; 1 Tes. 2:13.
3 Afoforo Hu: Sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn ahorow bɔ yɛn bra na yɛbɔ mmɔden da ne su horow adi a, afoforo hu. Sɛ mfatoho no, susuw ɔbarima bi a na ne mfɛfo adwumayɛfo di ne ho fɛw esiane sɛ ɔyɛ onipa tiaa nti no ho hwɛ. Na onuawa bi a ɔwɔ adwuma koro no ara mu de nidi ne obu ma no. Eyi kaa no ma obisaa onuawa no nea enti a ɔnte sɛ ne mfɛfo a wɔaka no. Onuawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ Bible nnyinasosɛm a ɔde bɔ ne bra nti na ɔda obu a ɛte saa adi no. Afei ɔkaa Ahenni anidaso asɛm a ɛyɛ anigye no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔbarima no fii ase suaa Bible no na akyiri yi ɔbɔɔ asu. Bere a ɔbarima no san kɔɔ ne kurom no, n’abusuafo ani gyee ne suban pa no ho na ɛmaa wɔn mu pii begyee nokware no.
4 Wɔ adwumam, sukuu mu, anaa yɛne abusuafo ne afipamfo nsɛnni mu no, yebetumi de yɛn suban pa ne yɛn adansedi no ama afoforo ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Mat. 5:16.