Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/05 kr. 1
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 9/05 kr. 1

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Ahenni Adawurubɔfo Pa:

Ɔsom afe foforo no fii ase no, yɛahyehyɛ amansin foforo 3 wɔ Ghana, ma enti wɔ mfe anum a atwam no, yɛahyehyɛ amansin foforo 13. Amansin 61 ne amantam 5 na seesei ɛwɔ asasesin a Ghana Betel hwɛ so no mu.

Mfe kakra ni no, yɛde yɛn adwene asi asɛmpa a yɛbɛka no nneduafie no so. Wɔ amansin nhyiam a yɛyɛ toatoaa so afe yi mu no, bere a mpanyimfo a wɔhwɛ Nsawam nneduafie no so penee so no, nneduafo baasia a na wɔabɛyɛ adawurubɔfo no bɔɔ asu wɔ afiase hɔ.

Nnansa yi, wɔyɛɛ Betel ntrɛwmu adwuma wɔ United States. Wowie buee ano wɔ May 16, 2005. Nnipa pii ba Wallkill bɛhwɛ dan foforo a yetintim nhoma wom no. Bere a edi kan a onuawa bi a ne mfe akɔ anim baa hɔ nsrahwɛ no, ɔkae sɛ: “Nsrahwɛ yi ama me ho adwiriw me! Mekɔ fie a, mewɔ nsɛm pii a mɛka akyerɛ anuanom. Sɛ Yehowa pɛ a, mɛsan aba ha afe biara.”

Mmoa a Ɔmantam Adansi Boayikuw no mufo a wɔn dodow bɛboro 1,500 de mae na ɛma yetumi wiee nhoma tintimbea hɔ ntrɛwmu ne nnwuma afoforo a ɛwɔ Betel no. Onua bi a ɔhwɛ adansi adwuma no so no kae sɛ: “Sɛnea wɔn a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn no fi wɔn pɛ mu bae no hyɛ nkuran, na wɔn suahu no so aba mfaso kɛse. Nokwarem ni, yɛn ani sɔ wɔn mmoa no yiye.”

Ɛbɛyɛ mo anigye sɛ mobɛte sɛ anuanom mmarima ne mmea mpempem pii na wofii amantam 45 mu bɛboaa wɔn a ahum kɛse a etuu wɔ Florida no sɛee wɔn afie no. Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛka Kristofo nuayɛkuw a wɔdɔ wɔn ho no ho!—1 Pet. 2:17.

Yɛkamfo adwuma a wɔde nsi yɛe a ɛbɛboa ama Ahenni nnwuma akɔ so no! Yɛn ani sɔ sika a mufii ayamye mu yii de boaa adwuma no nso paa. (Mmeb. 3:9, 10) Yehowa nkɔ so nhyira yɛn mmɔdenbɔ a ɛma “onnya n’anuonyam ho ayeyi” no so.—Efe. 1:12.

Mo nuanom,

Ghana Betel Adwumayɛbea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena