Krataa a Efi Baa Dwumadibea
Ahenni Adawurubɔfo Pa:
Yɛn ani gye sɛ yɛahu sɛnea adwuma no nyaa nkɔso wɔ Ghana wɔ 2007 ɔsom afe no mu! Ná April yɛ ɔsram a adagyew nnim koraa ma enti yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 83,293, akwampaefo aboafo dodow a ɛsen biara, 9,109, na yɛyɛɛ ofie Bible adesua dodow a ɛsen biara 218,180. Nnipa dodow a ɛsen biara 284,245 na wɔbaa Nkaedi no nso.
Wɔyɛɛ Asomfo Ntetee Sukuu mprɛnsa wɔ ɔsom afe no mu. Ná adesuafo no fi Benin, Côte d’Ivoire, Ghana, Liberia, Sierra Leone, ne Togo. Akyinnye biara nni ho sɛ anuanom mmarima yi reyɛ asɛnka adwuma no yiye wɔ wɔn nsasesin mu. Yɛhyɛ anuanom mmerante nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ hokwan kɛse yi a wɔde benya teokrase ntetee a yɛrentumi mfa adwuma foforo biara a ɛwɔ wiase no mu ntoto ho no mu. (Yes. 48:17; 1 Kor. 1:19-21) Wɔde sika a mufi komam yi de boa wiase nyinaa adwuma no nso bi boa sukuu yi wɔ Ghana ha, na yɛn ani sɔ paa.
Mmofra ne mpanyin a wɔyɛ adawurubɔfo de anigye ne nsi kyekyɛɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37, “Atoro Som Awiei Abɛn!” no bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wɔ Ghana. Nea enti a yɛyɛ nnwuma a ɛtete saa ne sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔahu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. (Mat. 28:19, 20) Bere a woreka asɛm no, kae sɛ wobɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ho kyerɛwtohɔ, na san kɔ wɔn nkyɛn a atirimpɔw no ne sɛ wubefi Bible adesua ase. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛne mo nyinaa bom yɛ adwuma a ɛho hia yi, na yɛde yɛn Kristofo dɔ nkyia brɛ mo.
Mo nuanom,
Ghana Betel Adwumayɛbea