Sua Sɛnea Wɔne Afoforo Susuw Nsɛm Ho
1. Bible mu asɛm bɛn na yɛbɛhwehwɛ mu, na dɛn ntia?
1 Ɔkasa a ɔsomafo Paulo mae wɔ hyiadan bi mu wɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia, a wɔakyerɛw wɔ Asomafo Nnwuma 13:16-41 no ma yenya sɛnea yɛne afoforo besusuw nsɛm ho no ho nhwɛso fɛfɛ. Paulo gyinaa n’atiefo no tebea ne wɔn nsusuwii so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn. Bere a yɛhwehwɛ asɛm yi mu no, ma yɛnhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa ara wɔ yɛn som adwuma no mu.
2. Dɛn na yesua fi ɔkwan a Paulo faa so fii ne kasa ase no mu?
2 Hwehwɛ Biribi a Wo Ne Atiefo Adwene Hyia Wɔ Ho: Ɛwom sɛ na Paulo asɛm no gyina dwuma titiriw a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu so de, nanso wanka saa asɛm no amfa amfi ne kasa no ase. Mmom no, ɔkaa biribi a na ɔne n’atiefo a wɔn mu dodow no ara yɛ Yudafo no nim a ɛne Yudafo abakɔsɛm. (Aso. 13:16-22) Saa ara na sɛ yɛhwehwɛ biribi a yɛne yɛn atiefo adwene hyia wɔ ho a, ɛbɛma yɛatu mpɔn kɛse. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ yɛde anifere bisa nsɛm a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene na yɛatie wɔn yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nneɛma a ɛho hia wɔn ankasa.
3. Dɛn na ɛma ɛyɛɛ den maa Paulo atiefo no sɛ wobegye atom sɛ Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no?
3 Bere a Paulo ne n’atiefo no resusuw Yudafo abakɔsɛm ho no, ɔkaee wɔn Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma wɔanya Ogyefo bi a obefi Dawid asefo mu aba. Nanso na Yudafo pii rehwɛ kwan sɛ wobenya ɔdɔmmarima bi a obegye wɔn afi Romafo nhyɛso ase ama Yuda man no adi aman nyinaa so. Ɛda adi sɛ na wonim sɛ Yudafo nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem no apo Yesu, de no ama Roma atumfoɔ no ma wɔakum no. Ɔkwan bɛn na na Paulo bɛfa so ama wɔagye adi ampa sɛ na Oyi ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no?
4. Ɔkwan bɛn so na Paulo nam ahokokwaw so ne Yudafo atiefo no susuw nsɛm ho?
4 Yɛ Fakaa: Esiane sɛ na Paulo nim n’atiefo no adwene nti, ogyinaa nneɛma a na wogye di dedaw so de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma ne wɔn susuw nsɛm ho. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ Yesu yɛ Dawid aseni ne obi a Yohane Osuboni a na wobu no sɛ Onyankopɔn diyifo no kaa ne ho asɛm. Paulo kae sɛ esiane sɛ nyamesom akannifo no poo no na wokum no nti, wɔmaa “nea na Adiyifo no aka no . . . baa mu.” (Aso. 13:26-28) Bio nso, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, nnipa pii hui sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu, na ɔtwee adwene sii Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a Yesu wusɔre no ma ɛbaa mu no so.—Aso. 13:29-37.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ fakaa bere a na ɔne Helafo rekasa no? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo nhwɛso no bere a yɛredi adanse wɔ yɛn asasesin mu no?
5 Nea ɛne eyi bɔ abira no, bere a na Paulo rekasa akyerɛ Helafo wɔ Areopago wɔ Atene no, ɔfaa kwan foforo so kasae. (Aso. 17:22-31) Nanso asɛm koro no ara na ɔkae, na wɔ emu biara mu no, ne mmɔdenbɔ no sow aba pa. (Aso. 13:42, 43; 17:34) Saa ara na nnɛ, sɛ yɛhwehwɛ biribi a yɛne yɛn atiefo adwene hyia wɔ ho na yɛyɛ fakaa wɔ yɛn asɛnka mu a, yebetu mpɔn kɛse.