Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/05 kr. 7
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atoyerɛnkyɛm Si a, Moboa Nkurɔfo Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • “Fa Biribi Hyɛ Wo Nsam Ma Yehowa”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 11/05 kr. 7

Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?

1 Sɛ Yehowa Adansefo te sɛ asiane bi asi wɔ wiase fã baabi a, wɔtaa bisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn aboa?” Sɛnea asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 11:27-30 kyerɛ no, esiane ɔkɔm a ɛbaa Yudea nti, afeha a edi kan Kristofo no de nneɛma kɔmaa anuanom a na wɔte hɔ no.

2 Ɛnnɛyi nso, yɛn ahyehyɛde no mu mmara ama yɛatumi de sika ayɛ adɔe na yɛnam so de mmoa ama nnipa a asiane ato wɔn ne wɔn a wɔakɔ ahokyere mu wɔ mmere ahorow mu.

3 Sɛ nhwɛso no, afe a etwaam no, anuanom yii ntoboa de boaa wɔn a tsunami asiane a esii Asia Anafo fam no kaa wɔn no. Yɛn ani sɔɔ komam a wofi yii ntoboa too ahyehyɛde no foto a wɔde boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no paa. Nanso wɔ aman bi so no, sɛ obi kyerɛw sɛ wɔmfa ntoboa bi nkɔboa wɔn a asiane pɔtee bi ato wɔn no a, ɛho hia sɛ wɔde ntoboa no di saa atirimpɔw no nkutoo ho dwuma wɔ bere bi a wɔahyɛ mu, ɛmfa ho sɛ ebia wɔadi yɛn nuanom ahiade ho dwuma anaa wonnii no.

4 Ne saa nti, yɛhyɛ nyansa sɛ momfa ntoboa a mode rema ma wɔde aboa afoforo a ade ahia wɔn no nka ntoboa ma wiase nyinaa adwuma no ho. Wɔde saa sika yi boa wɔn a wɔakɔ asiane mu na wɔsan nso de boa ma anuanom Kristofo nya nneɛma a ehia wɔn honhom fam. Sɛ biribi nti obi pɛ sɛ oyi ntoboa soronko ma wɔde boa nnipa a ade ahia wɔn no nkutoo na ɛnsɛ sɛ yɛde ka ntoboa ma wiase nyinaa adwuma no ho a, yebegye de adi dwuma wɔ baabiara a ɛho behia sɛ yɛde mmoa a ɛte saa ma no. Nanso yɛn ani begye ho sɛ mode ntoboa yi bɛma a morenka sɛ yɛmfa nni tebea pɔtee bi ho dwuma.

5 Ntoboa a yebeyi aboa wiase nyinaa adwuma no ma yenya sika pii de di Ahenni adwuma no afã horow nyinaa ho dwuma sen sɛ yɛde bɛto hɔ ama asiane bi a ebesi daakye. Eyi ne su a wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 4:16 no hyia, faako a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma bom de nea ehia ‘ma nipadua no nyin yɛ den wɔ ɔdɔ mu’ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena