Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/06 kr. 1
  • Boa Afoforo Ma Wɔmmɛyɛ Onyankopɔn Nnamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo Ma Wɔmmɛyɛ Onyankopɔn Nnamfo
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 10/06 kr. 1

Boa Afoforo Ma Wɔmmɛyɛ Onyankopɔn Nnamfo

1 Ɛnnɛ, wɔrekyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa Yehowa akwan. (Yes. 2:2, 3) Nanso, sɛ saafo no de ‘boasetɔ bɛsow aba’ a, ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa. (Luka 8:15; Mar. 12:30) Sɛ wɔannya ɔdɔ a ɛte saa a, wɔrentumi nnya ahoɔden a wɔde bɛko atia nneɛma bɔne anaa akokoduru a wɔde bɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔkwan biako a yebetumi afa so aboa afoforo ma wɔne Yehowa anya abusuabɔ pa ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔakyerɛ Yehowa su ahorow ho anisɔ. Hyɛ wɔn nkuran ma wonsusuw nsɛm a ɛwɔ Bɛn Yehowa nhoma no mu ho yiye.

2 Wo Nhwɛso: Wo nneyɛe betumi anya Bible asuafo so tumi kɛse. Sɛ wohu sɛ wubu wo ne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo, ne sɛnea enya w’asetra so tumi no a, ebetumi akanyan wɔn ma wɔn nso ne no anya abusuabɔ a ɛte saa bi. (Luka 6:40) Nokwarem no, yɛn nhwɛso taa nya afoforo so tumi kɛse sen nea yɛka kyerɛ wɔn.

3 Nhwɛso a awofo bɛyɛ ama wɔn mma no ne ɔkwan titiriw biako a wobetumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔadɔ Yehowa. (Deut. 6:4-9) Awarefo bi a na wɔpɛ sɛ wɔtete wɔn mma wɔ nokware no mu no kɔhwehwɛɛ afotu fii awofo a wɔatumi ayɛ saa no nkyɛn. Okunu no kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa kae sɛ nea ehia paa ne sɛ awofo bɛyɛ nhwɛso pa.” Enti awofo nam wɔn abrabɔ so betumi ayɛ nhwɛso pa na wɔn mma ahu sɛnea wobetumi afa “Yehowa adamfo.”—Yak. 2:23.

4 Mpaebɔ a Efi Komam: Wubetumi akyerɛ afoforo sɛnea wofi komam bɔ mpae nso ma wɔatumi afa Yehowa adamfo. Wubetumi atwe wɔn adwene asi Yesu mpaebɔ nhwɛso no, ne mpae a afoforo fi komam bɔe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no so. (Mat. 6:9, 10) Wonam sɛnea wobɔ mpae so betumi akyerɛ wo mma ne Bible asuafo mpaebɔ. Sɛ wɔte sɛnea wufi komam kasa no a, ɛbɛma wɔahu sɛnea wote nka wɔ Yehowa ho. Sɛ wohyia ɔtaa a, hyɛ wɔn nkuran ma ‘wonkura mpaebɔ mu denneennen.’ (Rom. 12:12) Sɛ wɔkɔ ahohia mu na wohu sɛnea Yehowa boa wɔn no a, ɛbɛma wɔanya ne mu ahotoso na wɔadɔ no paa sɛ wɔn adamfo.—Dw. 34:8; Filip. 4:6, 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena