Suasua Kristo wɔ W’asɛnka Adwuma no Mu
1 Yesu yɛɛ nhwɛso a yebedi akyi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu maa yɛn. Ɔfaa akwan pii so daa ɔdɔ a emu yɛ den a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne nnipa no adi wɔ mmere ahorow mu. Ɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wodwo, na ɔdaa adɔe adi kyerɛɛ wɔn a na wɔrehu amane ne wɔn a na wɔrehyɛ wɔn so no.—Mat. 9:35.
2 Yesu Nhwɛso ne Ne Nkyerɛkyerɛ: Yesu amma amanyɔsɛm anaa adɔe kɛkɛ a ɔbɛyɛ de aboa ɔmanfo no antwetwe n’adwene. Saa ara nso na wamma nneɛma pa foforo a ɔbɛyɛ no anka n’adwuma titiriw a na ɔyɛ no anhyɛ. (Luka 8:1) Ɔde n’adwene sii Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a ɔbɛka, a ɛno nkutoo na ebetumi ayi adesamma haw afi hɔ no so. Ná Yesu wɔ adwuma kɛse a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ bere tiaa bi mu. Bere a nnipa a wɔwɔ Kapernaum no pɛe sɛ Yesu tra hɔ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, . . . na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, efisɛ eyi nti na mebae.”—Mar. 1:38.
3 Bere a Yesu tetee n’asuafo no wiei no, ɔsomaa wɔn kyerɛɛ wɔn asɛm pɔtẽẽ a wɔnka: “Monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:7) Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ wɔn asetra mu. (Mat. 6:33) Nsɛm a etwa to a Yesu kae ansa na ɔrekɔ soro no kyerɛɛ wɔn nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mat. 28:19.
4 Sɛnea Ahenni no Ho Hia: Onyankopɔn Ahenni no ne asɛntitiriw a na Yesu ka, na ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ wonsuasua no. Mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wobeyi adesamma haw afi hɔ no renkosi hwee. (Yer. 10:23) Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛbɛtew Onyankopɔn din ho, na ama adesamma ho atɔ wɔn koraa. (Mat. 6:9, 10) Ahenni no ho nokwasɛm a yɛkyerɛkyerɛ nnipa a “wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no” boa wɔn ma wonya asetra a ɛyɛ anigye nnɛ, na wonya daakye ho anidaso a edi mu.—Hes. 9:4.
5 Yesu da so ara ka yɛn ho wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no mu, na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ogyina yɛn akyi. (Mat. 28:20) Sɛ yɛde yɛn asɛnka adwuma no toto nhwɛso a Yesu yɛ maa yɛn no ho a, ɛte dɛn? (1 Pet. 2:21) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nni nhwɛso a Yesu yɛ maa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu no akyi!