Biakoyɛ a Yɛde Bɛbɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no Ho Dawuru wɔ Wiase Nyinaa
Adawurubɔfo Bɛsan Akyekyɛ Nsaano Krataa Titiriw Bi
1 Afe a etwaam no, ɔsatu a yɛde bɔɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no ho dawuru wɔ wiase nyinaa no nyaa anigyefo so tumi kɛse. Wɔn a wogyee nsaano krataa titiriw no bi, na wɔbaa nhyiam no bere a edi kan koraa no huu sɛnea Yehowa Adansefo di honhom fam aduan a ɛyɛ huam. (Yes. 65:13) Wɔne yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ ɔdɔ no nyaa fekubɔ. (Dw. 133:1) Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa nnipa pii ma wɔaba “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no bi no, yɛbɛsan akyekyɛ nsaano krataa titiriw bi wɔ wiase nyinaa.
2 Nea Efi Afe a Etwaam de no mu Bae: Amanneɛbɔ a efi wiase nyinaa bae no kyerɛ sɛ nneɛma pa fii “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no ho dawuru a yɛbɔe no mu bae. Wɔkaa ɔsatu no ho asɛmpa wɔ mmeae pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ kurow bi so no, wɔkyerɛw ɔsatu no ho nsɛm pii wɔ atesɛm krataa bi mu sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a Adansefo no benya obiara ansa na nhyiam no adu so no, wɔrebɔ mmɔden paa de nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma wɔ mpɔtam hɔ, wotwa kwantenten, na wɔkasa ntɛmntɛm nso.” Sɛnea wɔde biakoyɛ kyekyɛɛ nsaano krataa no kanyan nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔwɔ kurow foforo mu ma wɔkaa ho nsɛm pii. Anyɛ yiye koraa no, atesɛm nkrataa ahorow abiɛsa kaa adwuma a yɛyɛe ansa na nhyiam no redu so no ho asɛmpa. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kyerɛw ɔsatu no ho nsɛm bɛboro kratafa abien wɔ atesɛm krataa a ɛbaa Kwasida bi no mu. Ɛkaa yɛn gyidi, yɛn nuayɛkuw, nsaano krataa a yɛkyekyɛe, ne ɔmantam nhyiam no ho asɛm. Bere a ɔdawurubɔfo bi de krataa a yɛde to nsa frɛ afoforo no kɔɔ fie bi mu no, ofiewura no kae ntɛm ara sɛ, “Nokwasɛm ni, seesei ara na merekenkan ho asɛm wɔ atesɛm krataa mu!” Obi foforo nso kae sɛ: “Na merekenkan mo ho asɛm seesei ara na woabepue ha yi! Me de ni anaa?” Afei ɔde kaa ho sɛ, “Eyi yɛ adepa a Yehowa Adansefo reyɛ.”
3 Anigyefo pii baa nhyiam no ase a na wokurakura krataa a wɔde too nsa frɛɛ wɔn no. Ebinom twaa kwantenten fii nkurow afoforo so baa nhyiam no. Mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛbɛto nsa afrɛ afoforo no maa nnipa pii baa nhyiam no, na wɔ ɔman bi so no, nnipa a wɔbaa nhyiam no boroo afe a etwaam de no so ɔha mu nkyem 27.
4 Asasesin no mu Adwuma: Mubetumi afi ase akyekyɛ nsaano krataa no bere a aka adapɛn abiɛsa ma moakɔ mo nhyiam no. Ɛsɛ sɛ mobɔ mmɔden yɛ mo asafo no asasesin nyinaa mu adwuma. Aka nnawɔtwe ma moakɔ nhyiam no, asafo ahorow a wɔn asasesin soso no mu adawurubɔfo betumi de nsaano krataa no ahyɛ baabi a ɛfata ama wɔn a wɔanto wɔn wɔ fie no. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no bɔ mmɔden kyekyɛ nsaano krataa a wɔde abrɛ wɔn no nyinaa na wɔyɛ wɔn asasesin no mu adwuma sɛnea wobetumi. Akwampaefo a wɔwɔ asafo no mu no betumi akyekyɛ nea ɛbɛka no.
5 Nea Wobɛka: Wubetumi aka biribi sɛɛ: “Yɛrekyekyɛ krataa yi de ato nsa afrɛ afoforo aba ade titiriw bi a yɛrebɛyɛ wɔ wiase nyinaa ase. Wode ni. Wubehu ɛho nsɛm foforo wɔ krataa yi so.” Sɛ woma w’asɛm yɛ tiaa a, wubetumi akyekyɛ pii. Nokwarem no, sɛ ofiewura no wɔ nsɛmmisa bi a, gye bere fa yi ano. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, yɛ ne ho kyerɛwtohɔ na san kɔ hɔ ntɛm ara.
6 Hwɛ hia a ehia sɛ yɛyere yɛn ho di Kristo akyi! (Yoh. 3:36) Ɔmantam nhyiam a yɛrebɛkɔ no bɛboa obiara a ɔbɛkɔ bi no ma wayɛ saa. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛsan adi adanse kɛse esiane biakoyɛ a yɛde bɛbɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no ho dawuru no nti. Enti fa nsi to nsa frɛ nnipa dodow biara a wubetumi ma wɔmmra bi. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mmɔden biara a wobɛbɔ de wo ho ahyɛ ɔsatu a yɛde biakoyɛ bɛyɛ wɔ wiase nyinaa yi mu no so.