To Nsa Frɛ Wɔn
1. Bere bɛn na yɛbɛfi ase ato nsa afrɛ afoforo aba ɔmantam nhyiam no?
1 Fa no sɛ wopɛ sɛ woto w’abusuafo anaa wo nnamfo pon. Wonim sɛ ɛbɛgye sika pii ne adwumaden na woasiesie aduane no. Ɛnneɛ, sɛ woreto nsa afrɛ wɔn aba apontow a ɛte saa ase a, wobɛyɛ no sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ wode anigye ne ahokeka na ɛbɛyɛ saa. Saa ara na ɔmantam nhyiam a ɛda yɛn anim no nso teɛ. Anuanom ayɛ adwumaden de asiesie honhom fam apontow a ɛte saa. Enti bere a aka nnawɔtwe mmiɛnsa ma yɛakɔ yɛn nhyiam no, yɛbɛnya hokwan de ato nsa afrɛ nnipa pii. Wei yɛ hokwan kɛse a Yehowa de adom yɛn. Ɛnneɛ, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka ayɛ adwuma yi?
2. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi ato nsa afrɛ nkurɔfo aba yɛn nhyiam no?
2 Sɛ yɛn ankasa hu nneɛma pa a Yehowa de ma yɛn wɔ nhyiam a ɛte saa ase a, ɛbɛka yɛn ma yɛde anigye ato nsa afrɛ nnipa dodow biara a yɛbɛtumi aba bi. (Yes. 65:13, 14) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nsato adwuma a yɛyɛ no afe biara no sow aba. (Hwɛ adaka a wɔato din “Ɛsow Aba.”) Wɔn a yɛto nsa frɛ wɔn no bi bɛba nhyiam no, ebi nso remma. Nanso ɛnyɛ nnipa dodow a wɔbɛba ne asɛm no. Mmom ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛde nsi yɛ saa adwuma yi a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛma nkurɔfo hu sɛ ne yam yɛ.—Dw. 145:3, 7; Adi. 22:17.
3. Akwan bɛn na yɛbɛfa so akyekyɛ nsato krataa no?
3 Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kuw no tena ase susu ho hwɛ ɔkwan a asafo no bɛfa so akyekyɛ nsato krataa no na obiara nsa aka bi. Ebia ɛho bɛhia sɛ adawurubɔfo de bi hyɛ wɔn a wɔanto wɔn fie no aboboano anaa wɔde di dwuma wɔ badwam adansedi mu. Ne nyinaa yɛ biribi a ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ susu ho. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma Memeneda ne Kwasida a, yɛbɛtumi de nsato krataa no aka nsɛmma nwoma ho ama. Sɛ nsato adwuma no ba awiei a, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam sɛ yɛn nso yɛnyaa hokwan too nsa frɛɛ nnipa pii baa honhom fam apontow a Yehowa asiesie no ase!