Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/07 kr. 3
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow?
    Nyan!—2000
  • Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Asɛmpa Wɔ Internet So
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 7/07 kr. 3

Asɛmmisa Afã

◼ Asiane bɛn na ɛwom sɛ yɛne obi a yennim no bedi nkitaho wɔ Intanɛt so?

Wɔayɛ dwumadibea pii wɔ Intanɛt so a nkurɔfo betumi ne afoforo adi nkitaho wɔ so. Dwumadibea yi mu pii ma ankorankoro nya kwan hyehyɛ baabi a wobetumi de wɔn ankasa ho nsɛm, a wɔn mfonini ne wɔn ho nsɛm afoforo ka ho agu. Enti obiara a ɔbɛhwɛ hɔ no betumi ne onipa no adi nkitaho. Mmofra pii ani gye Intanɛt so dwumadibea a ɛte saa ho, na mmabun binom a wɔwɔ asafo no mu afa so ne afoforo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo adi nkitaho anaa wɔafa so ahwehwɛ aware mu ahokafo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo.

Ɛyɛ mmerɛw sɛ obi a yɛne no di nkitaho wɔ Intanɛt so remma yenhu onipa ko a ɔyɛ, ɔsom a ɔwom, anaa adwene a okura. (Dw. 26:4) Ebetumi aba sɛ obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo no nyɛ obi a ɔwɔ asafo no mu, ɔyɛ obi a wɔatu no, anaa mpo ɔwaefo ankasa. (Gal. 2:4) Wɔbɔ amanneɛ sɛ, wɔn a wɔfeefee mmofra no mu pii fa Intanɛt so dwumadibea a ɛte saa so nya mmofra.

Sɛ mpo yenim sɛ wɔn a yɛne wɔn redi nkitaho no wɔ gyinabea pa wɔ asafo no mu a, ɛnyɛ den sɛ nkitahodi a ɛte saa no betumi adan akɔ nneɛma a ɛmfata so. Nea enti a eyi te saa ne sɛ, sɛ nkurɔfo ne nnipa a wonhuu wɔn da redi nkitaho a, wɔmfɛre. Ebia wobebu nkɔmmɔ a wɔbɔ wɔ Intanɛt so no sɛ ɛyɛ kokoam nsɛm, na wɔte nka sɛ nea wɔbɛka biara no, nnipa afoforo te sɛ wɔn awofo anaa asafo mu mpanyimfo rente. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔadaadaa mmerante ne mmabaa pii a wɔn awofo yɛ Kristofo ma wɔde wɔn ho ahyɛ nsɛnkwaa a kasafĩ wom mu. (Efe. 5:3, 4; Kol. 3:8) Afoforo nso de wɔn ankasa ho mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ agu dwumadibea no so, na wɔde din a ɛmfata adi dwuma, anaa wɔde video so nnwom a woyi ɔbarima ne ɔbea nna wom agu so.

Esiane nea yɛaka yi nti, ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani kũ sɛnea wɔn mma de kɔmputa di dwuma no ho yiye. (Mmeb. 29:15) Asiane wom sɛ yɛbɛto nsa afrɛ obi a yennim no aba yɛn fie anaa yɛbɛma no kwan ma ɔne yɛn mma nkutoo atra fie. Saa ara nso na asiane wom ma yɛne yɛn mma sɛ yɛbɛfa nnamfo a yennim wɔn wɔ Intanɛt so, bere mpo a wɔka sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo no.—Mmeb. 22:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena