Asɛmpa Wɔ Internet So
Wɔ yɛn mfiridwuma bere yi mu no, nnipa bi nam mfiri a Internet (kɔmputa so nkitahodi) ka ho so nya nsɛm. Enti Asafo ti no de Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn dwumadi ho nokwasɛm ahorow bi ahyɛ Internet no so.
Yɛn address wɔ Internet no so yɛ http://www.watchtower.org, na nkratawa, nhomawa, ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm bi a wɔapaw a ɛwɔ Engiresi, China (Ne sua nyɛ den), German, Russia ne Spain kasa ne kasa afoforo mu wɔ so. Wɔnam asafo ahorow no so ama yɛn nsa aka nhoma a ɛwɔ Kɔmputa so dwumadibea yi dedaw ma yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu. Ɛnyɛ yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛde Kɔmputa so dwumadibea no beyi nhoma foforo adi, na mmom sɛ yɛde bɛma ɔmanfo nsa aka nsɛm a ɛwɔ hɔ dedaw no wɔ afiri so. Ɛho nhia sɛ obi de Yehowa Adansefo, yɛn dwumadi anaa yɛn gyidi ho nsɛm bɛhyɛ Internet no so. Yɛn dwumadibea a ɛwɔ so no da nsɛm a ɛyɛ nokware adi kyerɛ obiara a ɔpɛ.
Ɛwom sɛ yenni nhyehyɛe biara a wɔde nsɛm bɛfa so amena [E-Mail] de, nanso baa dwumadibea a ɛwɔ wiase nyinaa no address wɔ hɔ. Enti nkurɔfo betumi akyerɛw ahwehwɛ nsɛm pii anaa wɔama wɔn man mu Adansefo abɛboa wɔn. Mumfi mo pɛ mu mfa atifi hɔ Internet address no mma obiara a ɔpɛ sɛ ofi ase sua Bible mu nokware no wɔ hɔ no.