Dɛn na Mɛka?
Sɛ yehyia nkurɔfo a wɔkyerɛ anigye wɔ asɛnka mu a, yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsan akodi wɔn adanse bio. Nanso, ebia na yenhu nea yɛbɛka de afi nkɔmmɔbɔ a edi hɔ no ase. Wubetumi afa saa kwan yi so: Bisa asɛm bi a ɛyɛ anigye, na afei dan kɔ Reasoning nhoma no so, na kyerɛ mmuae a Kyerɛwnsɛm de ma no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubenya nsɛmmisa pii a wubetumi apaw mu biako a wususuw sɛ wɔbɛkyerɛ ho anigye wɔ nsrahwɛ bi mu. Nsɛmmisa a wɔahyehyɛ a ɛwɔ ase ha no fi Reasoning nhoma no mu, na ɛkyerɛ kratafa a mmuae no mu biara wɔ no nɔma:
◼ Dɛn nti na yenyinyin na yewuwu? (98)
◼ So ntease pa bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so anya Onyankopɔn mu gyidi? (145)
◼ So Onyankopɔn dwen nea ɛto yɛn nnipa no ho ankasa? (147)
◼ So ɛsɛ sɛ obi kɔ soro ankasa ansa na wanya daakye a anigye wom? (163)
◼ Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn din ankasa na yɛde di dwuma? (196)
◼ Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ? (227)
◼ Onipa nkwa atirimpɔw ne dɛn? (243)
◼ Dɛn nti na ɔsom ahorow pii wɔ hɔ? (322)
◼ Obi bɛyɛ dɛn atumi ahu ɔsom a ɛteɛ? (328)
◼ Tumi bɛn na Satan wɔ wɔ wiase nnɛ? (364)
◼ Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? (393)
◼ Dɛn nti na abɔnefosɛm pii wɔ hɔ saa? (427)
Wubetumi de nsɛmmisa a ɛte saa a wɔahyehyɛ no ahyɛ wo Bible anaa Reasoning nhoma mu na ama woatumi adan akɔ so ntɛm. Sɛ wowɔ biribi pɔtee a wobɛka wɔ sankɔhwɛ mu a, ɛbɛhyɛ wo nkuran ma woatumi akɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye no nyinaa nkyɛn.