Nsɛm a Ɛboa Ɔmanfo
Nokware Kristofo reyɛ baguam asɛmpatrɛw adwuma. (Fil. 2:17) Nea ɛbɛboa ama adwuma no akɔ so no, wɔde nhomawa, nkratawa, ne nsɛm a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow 20 mu agu Intanɛt so wɔ www.watchtower.org. Ɛnyɛ Intanɛt dwumadibea yi atirimpɔw ne sɛ wɔbɛfa so akyekyɛ nhoma a wɔatintim no foforo ama Yehowa Adansefo. N’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma ɔmanfo nsa aka nsɛm a ɛyɛ nokware a ɛfa nea Yehowa Adansefo fi Bible mu kyerɛkyerɛ no ho.
Nnansa yi, wɔde ade titiriw bi aka nneɛma a ɛwɔ yɛn Intanɛt dwumadibea so no ho. Eyi ne nhomawa a wɔato din Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? a yɛakyerɛ ase kɔ kasa horow bɛboro 220 mu no. Afei nso, efi January 1 Ɔwɛn-Aban ne January 8 Nyan! so reba no, yɛde yɛn Intanɛt dwumadibea address no aba nsɛmma no akyi.
Ɔkwan bɛn so na wubetumi de adwinnade yi adi dwuma? Ɛne sɛ, ebia wubehyia obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye nanso ɔnte wo kasa. Sɛ otumi bue Intanɛt a, wubetumi akyerɛ no yɛn Intanɛt dwumadibea address a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! akyi no. Saa kwan no so no, obetumi ahwehwɛ Ahwehwɛde nhomawa no mu wɔ n’ankasa kasa mu kosi sɛ wobɛsan akɔ ne nkyɛn akɔma no nhoma a obetumi akenkan wɔ ne kurom kasa mu. Anaasɛ wubetumi adan no ama asafo anaa kuw bi a ɛka ne kurom kasa no.