Yɛn Intanɛt Dwumadibea—Fa Boa Obi a Ɛsono Kasa a Ɔka
Kyerɛ no Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ: Kyerɛ no sɛnea obetumi de ɔfã a ɛne “Kasa a Ɛwɔ Dwumadibea Ha” no ahwehwɛ kasa a ɔka no. (Afã bi wɔ hɔ a enni kasa ahorow no bi mu.)
Fa Intanɛt So Dwumadi a Ɛwɔ Ne Kasa Mu Kyerɛ No: Bue kratafa bi wɔ yɛn nhoma ahorow bi te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ anaa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mu kyerɛ no. Afei kɔ ɔfã a ɛne “Kenkan Wɔ” no mu, na paw kasa a wɔahyehyɛ wɔ hɔ no mu nea ofiewura no ka.
Bɔ Asɛm Bi Ma Ontie: Hwehwɛ asɛm bi a wɔbɔ tie a ɛwɔ ofiewura no kasa mu na bɔ ma ontie. Sɛ woresua kasa foforo bi a, bɔ emu asɛm bi a worekenkan a ɛwɔ Intanɛt so no tie na ama woatumi ahu kasa no ka yiye.—Kɔ “Nhoma” afã hɔ na hwɛ “Nhoma ne Nhomawa” anaa “Nsɛmma Nhoma.”
Di Wɔn a Wɔyɛ Mum Adanse: Sɛ wuhyia obi a ɔyɛ mum a, bɔ Bible no ti bi, nhoma, nhomawa, anaa kratawa mu asɛm bi a ɛwɔ mum kasa video so kyerɛ no.—Kɔ “Nhoma” na hwɛ “Mum Kasa” afã hɔ.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɔ Hwɛ
1 Klik ▸ nhoma a wɔbɔ mu nsɛm tie (sɛ ebi wɔ wo kasa mu) a ɛwɔ “Nea Wobetumi Atwe” afã hɔ no mu biako so na bɔ anaa twe bi.
2 Paw kasa foforo fi ɔfã a ɛne “Kenkan Wɔ” no mu na bue asɛm a ɛwɔ saa kasa no mu kyerɛ no.
3 Klik ɔfã a ɛne “Nea Edi Hɔ” anaa “Emu Nsɛm” no so, na kenkan asɛm anaa ti foforo bi.