Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower June 1
“Nnipa pii mmu atorodi nketenkete ne korɔnbɔ nketenkete aniberesɛm. Wususuw sɛ Onyankopɔn bu nneyɛe a ɛtete saa dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Hebrifo 4:13.] Asɛm a ɛwɔ ha yi kyerɛ akwan horow a nkurɔfo fa so bɔ apoo nnɛ, na wosusuw sɛ ɛnyɛ bɔne biara.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 11 no kyerɛ no.
Awake! June
“Asɔre ahorow taa gye sika wɔ asubɔ, ayeforohyia ne ayiyɛ ho. Wohwɛ a eye sɛ wɔyɛ saa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ akwankyerɛ a Yesu de maa n’asuafo no. [Kenkan Mateo 10:7, 8b.] Asɛm a ɛwɔ ha yi ma yehu nea Bible ka fa ɔsom mu adeyɛ a wogye ho sika no ho.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 22 no kyerɛ no.
The Watchtower July 1
“Nnipa pii frɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no sɛ Onyankopɔn. Nanso wunim sɛ Bible kyerɛ yɛn Onyankopɔn din? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 42:8a.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea enti a wɔayi Onyankopɔn din afi Bible nkyerɛase bi mu ne nea Onyankopɔn a yɛde ne din behu no no kyerɛ.”
Awake! July
“Wiase sikasɛm agyaw nnipa pii adwennwene. Wɔn a wɔnyɛ adwuma ahaw, na wɔn nso a wɔreyɛ bi no suro sɛ wɔn adwuma befi wɔn nsa. Wohwɛ a, afotu pa a ɛwɔ ha yi betumi aboa yɛn ma yɛagyina tebea no ano? [Kenkan Mateo 6:34. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn sikasɛm yiye na yɛadi adwuma ho dadwen so ho nyansahyɛ ma.”