Asɛmmisa Afã
◼ Ɛsɛ sɛ yɛne Bible suani a ɔrenya nkɔso sua ade kosi bere bɛn?
Ɛyɛ papa sɛ yɛne Bible suani a ɔrenya nkɔso no sua nhoma abien wie. Saa nhoma no ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ne “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu.” Sɛ osuani no ansua nhoma abien yi mu biako anwie na ogye asubɔ mpo a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ne no yɛ adesua. Osuani no asubɔ akyi no, wobetumi abu bere a wɔde yɛ adesua no, sankɔhwɛ, ne Bible adesua no ho akontaa. Sɛ ɔdawurubɔfo bi ne yɛn kɔyɛ adesua no na ɔde ne ho hyɛ mu a, ɔno nso betumi abu bere no ho akontaa.—Hwɛ March 2009 Yɛn Ahenni Som no kratafa 2.
Ɛho hia sɛ yɛma wɔn a wɔyɛ foforo no nya nnyinaso pa wɔ nokware no mu ansa na yɛne wɔn agyae adesua no. Ɛsɛ sɛ ‘wogye ntini’ wɔ Kristo mu, na ‘wotintim wɔ gyidi no mu’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina sɔhwɛ a wobehyia ano. (Kol. 2:6, 7; 2 Tim. 3:12; 1 Pet. 5:8, 9) Bio nso, sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ afoforo yiye a, ɛsɛ sɛ wonya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Sɛ yɛne yɛn asuafo sua nhoma abien no wie a, na yɛreboa wɔn ma wɔatumi afa ‘ɔkwan a ɛkɔ nkwa’ mu no so yiye na wɔanwatiriw.—Mat. 7:14.
Ansa na mpanyimfo bɛma obi hokwan ma wabɔ asu no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ ɔte Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no ase yiye na ɔde rebɔ ne bra. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no susuw nneɛma ho yiye titiriw bere a osuani bi nsuaa nhoma a edi kan no nwiei na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no. Sɛ mpanyimfo no hu sɛ obi mfata sɛ ɔbɔ asu a, wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma obi aboa no, na akyiri yi watumi abɔ asu.—Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kratafa 217-218.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 2]
Ɛho hia sɛ yɛma wɔn a wɔyɛ foforo no nya nnyinaso pa wɔ nokware no mu