Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/11 kr. 1
  • Monna “Ayamhyehye” Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monna “Ayamhyehye” Adi
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya “Ayamhyehye”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Kyerɛ Mmɔborohunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Suasua Yehowa Ayamhyehye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yehowa De Ayamhyehye na Edi Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 7/11 kr. 1

Monna “Ayamhyehye” Adi

1. Dɛn paa na nkurɔfo hia ɛnnɛ?

1 Wɔ abakɔsɛm mu no, ɛnnɛ paa ne bere a ɛho abehia sɛ wɔda ayamhyehye adi kyerɛ nnipa pii. Wiase no mu tebea a ɛresɛe no ama nnipa pii nni anigye, wɔanya adwenemhaw, na wonni anidaso biara. Nnipa ɔpepem pii hia mmoa, na yɛn a yɛyɛ Kristofo no na ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam da ayamye adi kyerɛ yɛn yɔnkonom. (Mat. 22:39; Gal. 6:10) Yɛbɛyɛ dɛn ada ayamye a ɛte saa adi akyerɛ wɔn?

2. Ɔkwampa bɛn na yebetumi afa so ada ayamhyehye adi?

2 Adwuma a Ɛma Yɛda Ayamhyehye Adi: Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama yɛanya awerɛkyekye daa. (2 Kor. 1:3, 4) Yehowa hyɛ yɛn sɛ yɛnna “ayamhyehye” adi mfa nsuasua no, na wama yɛn adwuma sɛ yɛnkɔka Ahenni no ho asɛmpa nkyerɛ yɛn mfɛfo nnipa. (1 Pet. 3:8) Ɔkwampa a yebetumi afa so akyekye wɔn a wɔn ‘koma abubu’ werɛ ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ adwuma yi, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo ne adesamma a wɔrehu amane no anidaso koro pɛ. (Yes. 61:1) Esiane ayamhyehye a Yehowa wɔ ma nnipa nti, ɛrenkyɛ obeyi nsɛmmɔnedi afi hɔ na ɔde wiase foforo a trenee te mu aba.—2 Pet. 3:13.

3. Yɛbɛyɛ dɛn anya adwene a na Yesu wɔ wɔ nkurɔfo ho no bi?

3 Nya Adwene a na Yesu Wɔ wɔ Nkurɔfo Ho no Bi: Sɛ na Yesu reka asɛm akyerɛ nnipakuw a, na onhu wɔn sɛ nnipadɔm bi kɛkɛ. Ná ohu wɔn sɛ ankorankoro a wɔn mu biara hia mmoa na ama ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa. Ná wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo a ɔbɛkyerɛ wɔn kwan. Yesu huu wɔn no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ ma enti ɔde ntoboase kyerɛkyerɛɛ wɔn. (Mar. 6:34) Sɛ yenya adwene a Yesu nyae wɔ nkurɔfo ho no bi a, ɛbɛka yɛn ma yɛafi yɛn komam ada ayamhyehye adi akyerɛ wɔn sɛ ankorankoro. Eyi bɛda adi wɔ yɛn kasa ne sɛnea yɛyɛ yɛn anim kyerɛ nkurɔfo no mu. Asɛnka adwuma no bɛyɛ ade a ɛho hia yɛn titiriw, na yɛbɛdannan yɛn nsɛm mu ma ɛne wɔn mu biara ahiade ahyia.—1 Kor. 9:19-23.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda ayamhyehye adi?

4 Nnipakuw kɛse a wofi aman nyinaa mu retie Ahenni asɛm no, na wɔn ho anigye a yɛkyerɛ no nso boa wɔn. Sɛ yɛkɔ so da ayamhyehye adi a, ɛbɛma yɛahyɛ Yehowa, yɛn ayamhyehye Nyankopɔn no anuonyam, na yɛama n’ani agye.—Kol. 3:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena