Ɔkwampa a Wɔfa so Tie Ahenni Nnwom
Onyankopɔn asomfo bu nnwom sɛ ɛyɛ akyɛde pa a efi Yehowa hɔ. (Yak. 1:17) Asafo ahorow pii bɔ Ahenni nnwom brɛoo ansa na wɔafi wɔn asafo nhyiam ase ne bere a wɔapɔn no. Teokrase nnwom a wɔbɔ yɛ ɔkwampa a wɔfa so ma yɛn akwaaba ba asafo nhyiam ase. Ɛboa ma yesiesie yɛn adwene ma yɛn som. Bio nso, yɛn dwom nhoma no mu nnwom foforo a wɔbɔ no ma yehu sɛnea wɔto nnwom no na ɛboa ma yetumi to no yiye. Nnwom yi a wɔbɔ bere a yɛapɔn asafo nhyiam no ma ɛyɛ anigye sɛ yɛne yɛn ho bɛbɔ fekuw a ɛhyɛ nkuran. Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo akuw no yɛ nhyehyɛe a ɛfata ma wɔbɔ Sing to Jehovah—Piano Accompaniment so nnwom no bi ansa na wɔafi asafo nhyiam no ase ne bere a wɔapɔn. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ nnwom no ano nyɛ den pii sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom betumi abɔ nkɔmmɔ.